Yesaia 15 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Moab

1Adehunu a ɛfa Moab ho:

Wɔasɛe Ar a ɛwɔ Moab

anadwo koro pɛ!

Wɔasɛe Kir a ɛwɔ Moab

anadwo koro pɛ!

2Dibon foro kɔ nʼasɔredan mu,

ɔkɔ ne sorɔnsorɔmmea kɔ su;

Moab twa adwo wɔ Nebo ne Medeba ho.

Wɔayi eti biara so nwi

na abɔgyesɛ biara nso wɔatwitwa.

3Wɔfirafira ayitoma wɔ mmɔntene so;

wɔ adan atifi ne ɔman ahyiaeɛ

wɔn nyinaa retwa adwo,

wɔdeda fam na wɔsu.

4Hesbon ne Eleale teaam su,

wɔte wɔn nne kɔduru Yahas nohoa.

Enti Moab mmarimma akofoɔ teaam su,

na wɔabotoboto.

5Medi Moab ho awerɛhoɔ wɔ mʼakoma mu;

nʼadwanefoɔ dwane kɔduru Soar,

ne Eglat Selisiya.

Wɔforo kɔ Luhit,

wɔrekɔ nyinaa na wɔresu;

Horonaim ɛkwan so nso

wɔdi wɔn sɛeɛ ho awerɛhoɔ.

6Nimrim nsuwansuwa awewe

na ɛserɛ no ahye

afifideɛ nyinaa ayera

na ɛnkaa wira biara a ɛyɛ mono.

7Enti ahonyadeɛ a wɔapɛ agu hɔ no

wɔsoa de kɔtwa mpampuro bɔnhwa.

8Wɔn nkekamu gyegye wɔ Moab ahyeɛ so;

wɔn agyaadwotwa kɔduru Eglaim

na wɔn abubuobɔ kɔduru Beer Elim.

9Dimon nsuo ayɛ mogya nkoaa

nanso mɛkɔ so ne no adi.

Gyata bɛba Moab adwanefoɔ no so

ne wɔn a wɔbɛka asase no so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help