Yesaia 40 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Onyankopɔn Nkurɔfoɔ Awerɛkyekyerɛ

1Monkyekyere, monkyekyere me nkurɔfoɔ werɛ.

Saa na mo Onyankopɔn seɛ.

2Monka asomdwoesɛm nkyerɛ Yerusalem,

na mompae mu nka nkyerɛ no sɛ

ne som denden no aba awieeɛ,

wɔatua ne bɔne no so ka,

na wɔanya ne bɔne nyinaa so akatua mmɔho

afiri Awurade nsam.

3Ɛnne bi reteam sɛ,

“Monsiesie ɛkwan mma Awurade

wɔ anweatam no so.

Montene kwantempɔn wɔ ɛserɛ no so

mma yɛn Onyankopɔn.

4Bɔnhwa biara bɛyɛ ma,

bepɔ ne nkokoɔ nyinaa bɛkɔ fam,

asase a ɛyɛ monkyi mmɔnka no bɛyɛ tamaa,

na mmeaɛ a ɛyɛ kɔntɔnkye no ayɛ tata.

5Na Awurade animuonyam bɛda adi,

na nnipa nyinaa bɛhunu.

Ɛfiri sɛ Awurade na aka!”

6Nne bi kaa sɛ, “Team.”

Na mekaa sɛ, “Menteɛm nka sɛn?”

“Bɔ dawuro sɛ nnipa nyinaa te sɛ ɛserɛ,

na wɔn animuonyam nyinaa te sɛ afuo so nhwiren.

7Ɛserɛ hye, na nhwiren twintwam

ɛfiri sɛ Awurade ahomeguo fa wɔn so.

Nokorɛm nnipa no yɛ ɛserɛ.

8Ɛserɛ hye, na nhwiren twintwam,

nanso yɛn Onyankopɔn asɛm no tim hɔ daa.”

9Wo a wode asɛm pa reba Sion,

foro kɔ bepɔ tenten bi so.

Wo a wode asɛm pa reba Yerusalem,

ma wo nne so na team,

ma so, nsuro;

ka kyerɛ Yuda nkuro sɛ,

“Mo Onyankopɔn nie!”

10Hwɛ, Asafo Awurade de tumi reba,

na nʼabasa bɛdi ɔhene ama no.

Hwɛ, nʼakatua ka ne ho,

na ɔde nʼabasobɔdeɛ nam.

11Ɔhwɛ ne nnwankuo sɛ odwanhwɛfoɔ.

Ɔboa nnwammaa no wɔ nʼabasa so.

Ɔturu wɔn ne koko so;

na nnwan a wɔwɔ mma no, ɔka wɔn brɛoo.

12Hwan na wasusu nsuo wɔ ne nsam

anaa ɔde ne nsateaa asusu ɔsoro?

Hwan na ɔde asase so mfuturo agu kɛntɛn mu,

anaa wakari mmepɔ wɔ nsania so

ne nkokoɔ wɔ nsania apampaa so?

13Hwan na wate Awurade ase,

anaa wakyerɛkyerɛ no sɛ ne fotufoɔ?

14Hwan na Awurade abisa no sɛ ɔnkyerɛ no biribi ase,

na hwan na ɔkyerɛɛ no ɛkwan pa no?

Hwan na ɔmaa no nimdeɛ

anaa ɔkyerɛɛ no nhunumu kwan?

15Ampa ara aman no te sɛ nsuo sope wɔ bokiti mu;

wɔde wɔn toto mfuturo a ɛgu nsania so;

ɔkari nsupɔ te sɛ deɛ ɛyɛ mfuturo muhumuhu.

16Lebanon nnɔɔso mma afɔrebukyia so ogya,

na ne mmoa renso mma ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ.

17Aman nyinaa nsɛ hwee wɔ nʼanim;

ɔbu wɔn adehunu bi

a wɔnka hwee.

18Afei hwan ho na wode Onyankopɔn bɛtoto?

Nsɛsodeɛ bɛn ho na wode no bɛtoɔ?

19Ohoni deɛ, odwumfoɔ na ɔyɛ,

na sikadwumfoɔ de sikakɔkɔɔ agu ho

na wasiesie dwetɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn ama no.

20Ohiani a ɔrentumi mfa saa ayɛyɛdeɛ yi mma no

kɔpɛ dua a ɛremporɔ.

Ɔhwehwɛ odwumfoɔ nyansafoɔ

na wayɛ ohoni a ɛremmuni nhwe fam asi hɔ.

21Wonnim anaa?

Wonteeɛ anaa?

Wɔnnka nkyerɛɛ wo firi ahyɛaseɛ no anaa?

Ɛfiri ɛberɛ a wɔbɔɔ asase no, wontee aseɛ anaa?

22Ɔte ahennwa so wɔ asase kanko no atifi.

Ɛso nnipa te sɛ ntutummɛ

ɔtwe ɔsoro mu te sɛ ntwamutam,

na ɔde yɛ ntomadan tena mu.

23Ɔma ahenemma yɛ nnipa hunu

na ewiase yi sodifoɔ nso, ɔbrɛ wɔn ase.

24Wɔtɛɛ wɔn ara pɛ,

wɔduaa wɔn ara pɛ,

wɔgyee nhini wɔ asase mu pɛ

ɔhome gu wɔn so ma wɔkusa,

na ntwahoframa bɔ wɔn kɔ te sɛ ntɛtɛ.

25“Hwan ho na wode me bɛto?

Anaasɛ hwan na ɔne me sɛ?” Ɔkronkronni no na ɔseɛ.

26Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro:

Hwan na ɔbɔɔ yeinom nyinaa?

Deɛ ɔyiyi ɔsoro nsoromma mmaako mmaako,

na ɔbɔ obiara din de frɛ no.

Nʼahoɔden ne ne tumi enti

wɔn mu baako mpo nnyeraeɛ.

27Adɛn na woka sɛ, Ao Yakob,

na wonwiinwii, Ao Israel sɛ,

“Mʼakwan ahinta Awurade;

na me Onyankopɔn abɔ mʼasɛm agu”?

28Wonnim anaa?

Wonteeɛ anaa?

Awurade yɛ daapem Onyankopɔn,

na ɔyɛ asase nyinaa yɛfoɔ.

Ɔremmrɛ na ɔrentɔ bera,

na ne nhunumu nni nhwehwɛmu.

29Ɔma deɛ watɔ bera ahoɔden

deɛ wayɛ mmerɛ nso, ɔto nʼahoɔden so.

30Mpo, mmabunu brɛ, na wɔtɔ bera,

na mmeranteɛ suntisunti hwehwe ase;

31Nanso, wɔn a wɔn ani da Awurade so

bɛnya ahoɔden foforɔ.

Wɔde ntaban te sɛ akɔdeɛ deɛ bɛtu akɔ ewiem;

wɔbɛtu mmirika, na wɔremmrɛ.

Wɔbɛnante, na wɔrentɔ baha.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help