Malaki Nnianimu - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)
NnianimuOdiyifoɔ Malaki yɛɛ adwuma wɔ Yerusalem ɛberɛ a na wɔasi asɔredan no awie. Malaki Nwoma no yɛ animka ma Israelman wɔ wɔn bɔne bebrebe ho. Ɛka asɔfoɔ ne ɔman mu no nyinaa bɔne a wɔyɛ ho asɛm: ebi ne sɛ wɔtwiri Onyankopɔn, wɔbɔ afɔdeɛ a ɛho nteɛ, wɔbu Onyankopɔn mmara so, wɔmmfa aboadeɛ mmrɛ Onyankopɔn, wɔyɛ asoɔden ne ahantan na wɔma afoforɔ nso yɛ bɔne.Nwoma no tu ɔman no fo sɛ wɔnnyae aniha ne bɔne a aba wɔn mu no, na wɔnyɛ wɔn gyidie ne Awurade apam no yie.Nwoma yi ka anidasoɔ a ɛnam Odiyifoɔ Elia so bɛba wɔn a wɔnu wɔn ho na wɔgye die nso so ho asɛm.Emu NsɛmAsɔfoɔ abɔnefoɔ (1.1–2.9)Nnipa bɔnefoɔ (2.10–3.15)Nokwafoɔ kakra no (3.16–4.6)