Nnwom 93 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 93

1 Awurade di ɔhene, wɔde tumi ahentadeɛ ahyɛ no;

wɔde tumi ahentadeɛ ahyɛ Awurade

na wɔde ahoɔden ayɛ nʼakodeɛ.

Wɔde ewiase atim hɔ pintinn;

na wɔrentumi ntutu.

2Wʼahennwa tim hɔ firi tete;

na wowɔ hɔ firi mmerɛsanten.

3Ao Awurade, ɛpo ama wɔn ho so,

ɛpo ama wɔn nne so;

ɛpo ama wɔn asorɔkye a ɛbɔ denden no so.

4Woyɛ deɛ ɔwɔ tumi sene nsuo akɛseɛ aprannaa,

deɛ ɔwɔ tumi sene ɛpo nworosoɔ.

Awurade a ɔte ɔsoro no yɛ kɛseɛ.

5Ao Awurade, wo nhyehyɛeɛ gyina hɔ pintinn;

kronkronyɛ hyɛ wo fie animuonyam

daa nyinaa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help