1Deɛ Awurade seɛ nie:
“Moab ayɛ bɔne bebree ama no atra so,
ɛno enti, merennane mʼabufuo.
Ɔhyee Edomhene nnompe,
ma ɛdanee nsõ.
2Mede ogya bɛto Moab mu,
na ahye Keriot aban.
Moab bɛhwe ase wɔ hooyɛ,
ɔko nteateamu ne totorobɛnto nnyegyeeɛ mu.
3Mɛsɛe ne sodifoɔ
na makunkum ne mmapɔmma aka ne ho,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
4Deɛ Awurade seɛ nie:
“Yuda ayɛ bɔne bebree ama no atra so,
ɛno enti, merennane mʼabufuo.
Wɔapo Awurade mmara no
na wɔanni nʼahyɛdeɛ so
ɛfiri sɛ atorɔ anyame no
ama wɔafom ɛkwan no,
anyame a wɔn nananom dii akyire no.
5Mede ogya bɛto Yuda mu
na ahye Yerusalem aban.”
Israel Atemmuo6Deɛ Awurade seɛ nie:
“Israel ayɛ bɔne bebree ama no atra so,
ɛno enti, merennane mʼabufuo.
Wɔtɔn ateneneefoɔ de gye dwetɛ,
ne ahiafoɔ de gye mpaboa.
7Wɔtiatia ahiafoɔ so
te sɛ deɛ wɔyɛ fam mfuturo
na wɔma atɛntenenee bɔ mmɔborɔwafoɔ.
Agya ne ne ba ne ɔbaa baako da
de gu me din kronkron no ho fi.
8Wɔdeda afɔrebukyia biara ho
wɔ wɔn awowa ntoma so.
Wɔ wɔn anyame efie no mu no
wɔnom nsã a wɔagye sɛ mmaratodeɛ.
9“Mesɛee Amorifoɔ no wɔ wɔn anim,
ɛwom sɛ wɔware te sɛ ntweneduro.
Wɔn ho nso yɛ den sɛ odum.
Mesɛee nʼaba wɔ ne soro,
ne ne nhini wɔ nʼase.
10Meyii wo firii Misraim,
na medii wʼanim mfirinhyia aduanan wɔ ɛserɛ so
sɛdeɛ mede Amorifoɔ asase bɛma wo.
11Meyiyii mo mmammarima no bi yɛɛ wɔn adiyifoɔ,
ne mo mmeranteɛ binom sɛ Nasarefoɔ.
Na ɛnte saa anaa, Israelfoɔ?”
Deɛ Awurade bisa nie.
12“Nanso momaa Nasarefoɔ no nom nsã
na mohyɛɛ adiyifoɔ no sɛ wɔnnhyɛ nkɔm.
13“Na afei, mɛdwerɛ mo
sɛdeɛ teaseɛnam a aduane ayɛ no ma mia asase no.
14Ahoɔherɛfoɔ rentumi nnwane.
Ahoɔdenfoɔ rennya ahoɔden,
na akofoɔ rennya ne ho ntete.
15Agyantofoɔ rentumi nnyina deɛ ɔgyina.
Asraafoɔ ahoɔherɛfoɔ rentumi nnwane,
na pɔnkɔsotefoɔ rentumi mpere ne nkwa.
16Mpo akofoɔ akokoɔdurufoɔ
de adagya bɛdwane wɔ saa da no,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
