1Ɛberɛ a Seba Ɔhemmaa tee Salomo nka no, ɔbaa Yerusalem sɛ ɔde nsɛm a anoyie yɛ den rebɛsɔ no ahwɛ. Ɔne nʼasomfoɔ bebree, nyoma pii a wɔahyehyɛ nnuhwam, sikakɔkɔɔ bebree ne aboɔdemmoɔ wɔ wɔn so na ɛbaeɛ.
2Ɔhyiaa Salomo no, wɔdii biribiara a enti ɔbaa saa nsrahwɛ no ho nkɔmmɔ, maa Salomo yii ne nsɛmmisa biara ano sɛdeɛ ɛsɛ.
3Seba Ɔhemmaa hunuu nyansa a Salomo wɔ ne ahemfie a wasi no,
4ne ho dwirii no. Ɔhunuu nnuane a ɛsisi ne didipono so no, sɛdeɛ watoto nʼadwumayɛfoɔ ne ntadeɛ fɛfɛ a wɔhyehyɛ, kuruwakurafoɔ ne wɔn ntadeɛ yuu ne ɔhyeɛ afɔdeɛ a Salomo abɔ wɔ Awurade Asɔredan mu no, ɛyɛɛ no nwanwa.
5Ɔfiri ahodwirie mu ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Biribiara a metee wɔ me kurom a ɛfa deɛ woatumi ayɛ ne wo nyansa ho no yɛ nokorɛ.
6Mannye anni kɔsii sɛ mʼankasa mebaa ha, de mʼani kann bɛhunuiɛ. Nokorɛm, mante emu fa mpo. Wo nyansa no boro deɛ wɔka kyerɛɛ me no so koraa.
7Anigyeɛ bɛn na saa nnipa yi renya? Adom bɛn na wo mpanimfoɔ a wɔne wowɔ ha anɔpa ne awia tie wo renya mfiri wo nyansa yi mu?
8Awurade, wo Onyankopɔn yɛ kɛse ampa. Nʼani gye wo ho, enti ɔde wo asi ahennwa so sɛ di ɔhene ma no. Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn pɛ Israel asɛm dodo, na ɔpɛ sɛ saa ahennie yi tena afebɔɔ; wasi wo ɔhene sɛdeɛ wode nokorɛ ne atɛntenenee bɛbu ɔman no.”
9Afei, ɔmaa ɔhene no sikakɔkɔɔ akyɛdeɛ a ɛkari tɔno 4 ne nnuhwam pii ne aboɔdemmoɔ. Seba Ɔhemmaa nnuhwam a ɔde maa Salomo no so bi mmaa da.
10Ɛberɛ a Huram hyɛnmufoɔ ne Salomo nkurɔfoɔ de sikakɔkɔɔ firi Ofir baeɛ no, wɔde abako nnua pa bebree ne aboɔdemmoɔ kaa ho baeɛ.
11Ɔhene no de abako nnua no yɛɛ Awurade Asɔredan ne ahemfie no ntrapoe. Ɔde bi nso yɛɛ nsankuten ne mmɛnta maa nnwom ho nimdefoɔ no. Na saa nnwontodeɛ no so bi mmaa da wɔ Yuda.
12Biribiara a Seba Ɔhemmaa bisaa ɔhene Salomo no, ɔde maa no. Na ɛyɛ akyɛdeɛ a ɛsom bo pa ara, na ɛboro deɛ ɔhemmaa de brɛɛ noɔ no so. Afei, ɔhemmaa no ne nʼasomfoɔ no sane kɔɔ wɔn ankasa asase so.
Salomo Ahonya Ne Animuonyam13Afe biara, na Salomo nya sikakɔkɔɔ bɛyɛ tɔno aduonu enum.
14Na sika a ɔnya firi adwadifoɔ nkyɛn no nka yei ho. Na Arabia ahemfo nyinaa ne amradofoɔ a wɔwɔ asase no so nyinaa brɛ Salomo sikakɔkɔɔ ne dwetɛ.
15Ɔhene Salomo de sikakɔkɔɔ yɛɛ akokyɛm akɛseɛ ahanu a wɔde hamre boroeɛ, na sikakɔkɔɔ a wɔde yɛɛ emu biara no mu duru boro kilogram nson.
16Ɔsane yɛɛ sikakɔkɔɔ akokyɛm nketewa ahasa a wɔde hamre boroeɛ a na sikakɔkɔɔ a wɔde yɛɛ emu biara no mu duru bɛyɛ kilogram mmiɛnsa ne fa. Ɔhene no kɔkoraa saa akokyɛm yi wɔ Lebanon Kwaeɛ Ahemfie mu.
17Afei, ɔhene no de asonse yɛɛ ahennwa kɛseɛ bi, na ɔde sikakɔkɔɔ amapa huraa ho.
18Na ahennwa no wɔ ntrapoe nsia a wɔde sikakɔkɔɔ nantiasoɔ afam ho. Ahennwa no wɔ nsa wɔ benkum. Ne nifa na gyata sɛso nso gyinagyina afa ne fa wɔ ahennwa no ho.
19Salomo sane yɛɛ agyata sɛso dumienu a ɔbaako biara gyina atwedeɛ ntiasoɔ nsia no mu biara benkum ne nifa. Ahennwa biara nni ewiase a wɔbɛtumi de atoto Salomo deɛ no ho.
20Ɔhene Salomo nkuruwa nyinaa, sikakɔkɔɔ amapa na wɔde yɛeɛ. Saa ara na nneɛma ahodoɔ a ɛwɔ Lebanon Kwaeɛ Ahemfie mu no nso teɛ. Wɔamfa dwetɛ anyɛ, ɛfiri sɛ, Salomo berɛ so no, na wɔbu dwetɛ ade teta bi.
21Na ɔhene no wɔ adwadie ahyɛn a emu adwumayɛfoɔ yɛ Huram asomfoɔ. Mfeɛ mmiɛnsa biara, ahyɛn no ba a, wɔde sikakɔkɔɔ, dwetɛ, asonse, nkaatia, nkontromfi ne kohaa brɛ ɔhene no.
22Enti, ɔhene Salomo bɛyɛɛ ɔdefoɔ ne onyansafoɔ sene ɔhene biara wɔ asase so nyinaa.
23Ahemfo fifiri aman nyinaa so bɛsraa no, tiee ne nyansasɛm a Onyankopɔn de adom no no bi.
24Afe biara, obiara a ɔbɛba abɛsra no no, ɔbrɛ no akyɛdeɛ te sɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, ntadeɛ, akodeɛ, nnuhwam, apɔnkɔ ne mfunumpɔnkɔ.
25Na Salomo wɔ mpɔnkɔdan mpemnan a ne nteaseɛnam apɔnkɔ da mu ne mpɔnkɔ mpem dumienu. Ɔde mu fa kɛseɛ no kɔɔ nkuro a ne nteaseɛnam wɔ mu mu, ɛnna ɔmaa ebi nso bɛnee no wɔ Yerusalem.
26Ɔdii ɔhene, bunkam faa ahemfo nyinaa so, firi Asubɔnten Eufrate ano de kɔsi Filistifoɔ asase ne Misraim hyeɛ so.
27Ɔhene no maa dwetɛ buu te sɛ aboɔ wɔ Yerusalem. Na ntweneduro nnua a ɛsom bo no nso buu so sɛ akyee nnua a ɛfifiri wɔ mmepɔ ase wɔ Yuda asase so.
28Na wɔtɔ Salomo apɔnkɔ firi Misraim ne aman ahodoɔ bebree so.
29Salomo ahennie ho nsɛm nkaeɛ, firi ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no, wɔatwerɛ agu odiyifoɔ Natan nwoma, Ahiya a ɔfiri Silo adiyisɛm ne nhunumuni Ido anisoadehunu a ɛfa Nebat babarima Yeroboam ho no mu.
30Salomo tenaa Yerusalem dii Israel nyinaa so ɔhene mfeɛ aduanan.
31Ɔwuiɛ no, wɔsiee no nʼagya Dawid kurom. Ne babarima Rehoboam na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.