Yuda Nnianimu - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)
NnianimuYakobo nua Yuda na ɔtwerɛɛ saa krataa yi. Saa ɛberɛ no, nnipa pii sakra bɛyɛɛ Akristofoɔ a wɔhwete kɔɔ mmaa nyinaa. Nanso wɔn mu bi danee akyerɛkyerɛfoɔ bɔne a wɔnam wɔn nkyerɛkyerɛ bɔne so twee nnipa bebree firii nokorɛ no ho, nam so ma basabasayɛ baa asafo no mu. Yei enti, Yuda twerɛ kɔhyɛɛ Akristofoɔ no sɛ, wɔntintim na wɔnsɔ gyidie pa no mu den.Emu NsɛmNkyea (1-2)Atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ ho kɔkɔbɔ (3-16)Nkuran a wɔhyɛ sɛdeɛ wɔbɛsɔ gyidie no mu denden (17-23)Nhyira nsɛm (24-25)