Nnwom 28 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 28Dawid dwom.

1Wo na mesu mefrɛ wo,

Ao Awurade me Botan;

nsi wʼaso wɔ me enti.

Sɛ woyɛ komm a,

mɛyɛ sɛ wɔn a wɔasiane kɔ amena mu no.

2Tie me mmɔborɔ su

ɛberɛ a mefrɛ wo pɛ mmoa

ɛberɛ a mema me nsa so

kyerɛ wo Tenabea Kronkron hɔ.

3Mfa me mfra amumuyɛfoɔ mu ntwe me nkɔ

wɔn a wɔyɛ bɔne no.

Wɔne wɔn yɔnkonom kasa fɛfɛ

nanso wɔde ɔtan sie wɔn akoma mu.

4Twe wɔn aso wɔ deɛ wɔayɛ no so;

wɔn adwuma bɔne no so;

tua deɛ wɔde wɔn nsa ayɛ so ka

na fa deɛ ɛfata wɔn sane bra wɔn so.

5Sɛ wɔmmu deɛ Awurade ayɛ

ne deɛ ɔde ne nsa ayɛ no enti,

ɔbɛbrɛ wɔn ase

na ɔremma wɔnnsɔre bio.

6Ayɛyie nka Awurade,

ɛfiri sɛ watie me mmɔborɔ su.

7 Awurade ne mʼahoɔden ne mʼakokyɛm;

mʼakoma wɔ ne mu ahotosoɔ, na ɔboa me.

Mʼakoma di ahurisie

na mede dwomtoɔ bɛda no ase.

8 Awurade yɛ ahoɔden ma ne nkurɔfoɔ;

ne nkwagyeɛ nsraban ma deɛ wɔasra no ngo.

9Gye wo nkurɔfoɔ na hyira wʼagyapadeɛ;

yɛ wɔn hwefoɔ, na wo ne wɔn nnante afebɔɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help