Nnwom 136 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 136

1Monna Awurade ase na ɔyɛ.

Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

2Monna anyame mu Onyankopɔn ase.

Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

3Monna awuranom mu Awurade no ase.

Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

4Ɔno nko ara na ɔyɛ anwanwadeɛ akɛseɛ.

Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

5Ɔno na ɔfiri ne nteaseɛ mu bɔɔ ɔsoro.

Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

6Ɔno na ɔtrɛɛ asase mu de kataa nsuo so.

Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

7Ɔno na ɔbɔɔ nkanea akɛseɛ no.

Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

8Ɔbɔɔ owia sɛ ɛnni adekyeeɛ so.

Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

9Ɔbɔɔ ɔsrane ne nsoromma sɛ wɔnni adesaeɛ so no.

Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

10Ɔno na ɔkunkumm Misraimfoɔ mmakan,

Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

11na ɔyii Israelfoɔ firii wɔn mu no.

Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

12Ɔde nsa kɛseɛ ne basa a watene mu.

Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

13Ɔno na ɔpaee Ɛpo Kɔkɔɔ no mu no,

Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

14na ɔde Israelfoɔ faa mfimfini no.

Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

15Nanso, ɔpraa Farao ne nʼasraafoɔ guu Ɛpo Kɔkɔɔ mu no.

Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

16Ɔno na ɔdii ne nkurɔfoɔ anim wɔ ɛserɛ no so.

Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

17Ɔno na ɔkumm ahemfo akɛseɛ no,

Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

18na ɔkumm ahemfo akunini no.

Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

19Ɔkumm Amorifoɔ ɔhene, Sihon,

Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

20ne Basanhene, Og.

Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

21Na ɔde wɔn nsase maa sɛ agyapadeɛ.

Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

22Ɔde maa ne ɔsomfoɔ Israel sɛ agyapadeɛ.

Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

23Ɔkaee yɛn, yɛn mmerɛyɛ mu.

Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

24Na ɔgyee yɛn firii yɛn atamfoɔ nsam.

Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

25Ɔno na ɔma abɔdeɛ biara aduane.

Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

26Monna ɔsorosoro Onyankopɔn no ase.

Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help