Nnwom 131 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 131Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ.

1Ao Awurade, ahomasoɔ nni mʼakoma mu,

na mʼani ntraa ntɔn;

memma nsɛm akɛseɛ nha me

anaa nsɛm a ɛyɛ nwanwa dodo ma me.

2Na mmom, mama me kra anya abotɔyam

te sɛ akɔkoaa a ɔda ne maame so renum no,

te sɛ akɔkoaa a ɔtua nufoɔ ano no,

saa ara na me kra ayɛ wɔ me mu.

3Ao Israel, ma wʼani nna Awurade so,

seesei ne daa nyinaa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help