Nnwom 5 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 5Dawid dwom.

1Ao Awurade, yɛ aso ma me nsɛm

na dwene mʼapinisie ho.

2Tie me mmoa ho sufrɛ,

me Ɔhene ne me Onyankopɔn,

ɛfiri sɛ wo na mebɔ wo mpaeɛ.

3Ao, Awurade, wote me nne anɔpa;

anɔpa, mede mʼadesrɛ ba wʼanim

na mede anidasoɔ twɛn.

4Wonyɛ Onyankopɔn a wʼani gye bɔne ho;

na amumuyɛfoɔ rentumi ne wo ntena.

5Ahantanfoɔ rentumi nnyina wʼanim;

wokyiri wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa.

6Wosɛe wɔn a wɔka atorɔsɛm;

Awurade kyiri

mogyapɛfoɔ ne asisifoɔ.

7Nanso me, wo mmɔborɔhunu bebrebe enti,

mɛba wo fie;

na anidie mu na mɛkoto

akyerɛ wʼasɔredan kronkron no.

8Ao Awurade kyerɛ me ɛkwan

wɔ wo tenenee mu

mʼatamfoɔ enti,

bɔ wo kwan tee wɔ mʼanim.

9Wɔn anom asɛm baako mpo nyɛ nokorɛ;

ɔsɛeɛ ahyɛ wɔn akoma ma.

Wɔn menewa yɛ damena a ɛso abue

wɔde wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm.

10Ao, Onyankopɔn, bu wɔn fɔ!

Ma wɔn pɔ bɔne nyɛ wɔn ahweaseɛ.

Pam wɔn ɛsiane wɔn bɔne dodoɔ no enti,

ɛfiri sɛ wɔasɔre atia wo.

11Nanso, ma wɔn a wɔdwane ba wo nkyɛn no ani nnye;

ma wɔmfa anigyeɛ nto dwom daa.

Trɛ wo banbɔ mu wɔ wɔn so,

na wɔn a wɔdɔ wo din no

ma wɔn ani nnye wɔ wo mu.

12Ao Awurade, ampa ara, wohyira teneneefoɔ;

na wode wʼayamyɛ twa wɔn ho hyia te sɛ akokyɛm.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ ɔmfa sankuhoma nto wɔ Seminit ɛnne so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help