1Ao me kra, kamfo Awurade;
na me mu adeɛ nyinaa nkamfo ne din kronkron no.
2Ao me kra, kamfo Awurade,
na mma wo werɛ mfiri ne nneyɛeɛ pa nyinaa,
3ɔno na ɔde wo mfomsoɔ nyinaa kyɛ woɔ
na ɔsa wo nyarewa nyinaa,
4ɔgye wo nkwa firi damena mu
na ɔde adɔeɛ ne mmɔborɔhunu bɔ wo abotire,
5ɔde nnepa ma wo sɛ wʼapɛdeɛ
na wo mmeranteberɛ yɛ foforɔ sɛ ɔkɔdeɛ.
6 Awurade yɛ adetenenee
na ɔbu wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa atɛntenenee.
7Ɔkyerɛɛ Mose nʼakwan,
na ɔmaa Israelfoɔ hunuu ne nneyɛɛ.
8Mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ ne Awurade,
ne bo kyɛre fu na nʼadɔeɛ dɔɔso.
9Ɔrenkɔ so mmɔ soboɔ,
na ɔrennya yɛn ho menasepɔ nkɔsi daa;
10Ɔrenhwɛ yɛn bɔne ne yɛn nni sɛdeɛ ɛfata
na ɔrentua yɛn nnebɔne so ka sɛdeɛ ɛteɛ.
11Na sɛdeɛ ɔsoro ne asase ntam ware no,
saa ara na nʼadɔeɛ so wɔ wɔn a wɔsuro no so.
12Sɛdeɛ apueeɛ ne atɔeɛ ntam ware no,
saa ara na wama yɛn ne yɛn mmarato ntam kwan aware.
13Sɛdeɛ agya yam hyehye no ne mma ho no,
saa ara na Awurade yam hyehye no ma wɔn a wɔsuro no,
14na ɔnim sɛdeɛ wɔyɛɛ yɛn,
ɔkae sɛ yɛyɛ mfuturo.
15Ɔdasani deɛ, ne nna te sɛ ɛserɛ,
ɔyɛ frɔmm sɛ wiram nhwiren;
16sɛ mframa bɔ fa ne so a, na ɔnni hɔ,
na ne sibea nnim no bio.
17Nanso ɛfiri mmerɛsanten kɔsi nnasanten
Awurade adɔeɛ wɔ wɔn a wɔsuro no so,
na ne tenenee wɔ wɔn mma mma so,
18wɔn a wɔdi nʼapam no so
na wɔkae di ne mmara so.
19 Awurade asi nʼahennwa wɔ soro,
na nʼahennie di adeɛ nyinaa so.
20Monkamfo Awurade, mo a moyɛ nʼabɔfoɔ,
mo atumfoɔ a moyɛ nʼahyɛdeɛ,
mo a motie nʼasɛm.
21Monkamfo Awurade, ɔsoro asafo nyinaa,
nʼasomfoɔ a moyɛ nʼapɛdeɛ.
22Monkamfo Awurade, ne nnwuma nyinaa
deɛ ɛwɔ nʼaheman mu nyinaa.
Ao me ɔkra, kamfo Awurade!
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
