1 Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,
2“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Israel mmepɔ, na hyɛ nkɔm tia wɔn,
3na ka sɛ, ‘Ao Israel mmepɔ montie Otumfoɔ Awurade asɛm. Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka kyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ, abon ne mmɔnhwa: Merebɛtwe mo so akofena na masɛe mo sorɔnsorɔmmea.
4Wɔbɛbubu mo afɔrebukyia ahodoɔ no na wɔasɛe nnuhwam adum; na mɛkunkum mo nkurɔfoɔ wɔ mo ahoni anim.
5Mede Israelfoɔ afunu bɛgugu wɔn ahoni anim, na mede mo nnompe apete mo afɔrebukyia ahodoɔ ho.
6Baabiara a moteɛ no, nkuro no bɛda mpan, na ne sorɔnsorɔmmea bɛsɛe, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo afɔrebukyia ahodoɔ no bɛda mpan na ayɛ afo. Mo ahoni bɛbubu na asɛe. Mo nnuhwam adum bɛbubu agu fam, na deɛ moayɛ nso bɛhwere mo.
7Mo nkurɔfoɔ bɛtotɔ wɔ mo mu, na mobɛhunu sɛ me ne Awurade.
8“ ‘Nanso mɛgya mo mu bi, ɛfiri sɛ ebinom bɛdwane akofena ano wɔ ɛberɛ a moahwete wɔ nsase ne amanaman so.
9Na afei wɔ amanaman a wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ mu no, wɔn a wɔnyaa wɔn ho firii mu no bɛkae me, sɛdeɛ madi awerɛhoɔ wɔ wɔn awaresɛeɛ akoma a wɔde twee wɔn ho firii me nkyɛn, ne wɔn ani a wɔde nyaa akɔnnɔ bɔne maa wɔn ahoni. Wɔn ho bɛyɛ wɔn nwunu wɔ bɔne ne akyiwadeɛ a wɔayɛ enti.
10Wɔbɛhunu sɛ me ne Awurade, na mammɔ wɔn hu kwa sɛ mede saa ɔhaw yi bɛba wɔn so.
11“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mommɔ mo nsam na momfa mo nan mpempem fam na monteam sɛ, “A!” Esiane Israel efie amumuyɛ ne akyiwadeɛ nyinaa enti, wɔbɛwuwu akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm ano.
12Ɔyaredɔm bɛkum deɛ ɔwɔ akyirikyiri. Deɛ ɔbɛn no bɛtɔ akofena ano na deɛ ɔbɛfiri mu na waka no, ɛkɔm bɛkum no. Saa na mede mʼabufuhyeɛ bɛyɛ wɔn.
13Na wɔbɛhunu sɛ me ne Awurade, ɛberɛ a wɔn nkurɔfoɔ a wɔatotɔ afunu deda wɔn ahoni ntam atwa wɔn afɔrebukyia ho ahyia, wɔ nkokoɔ a ɛkorɔn nyinaa so, mmepɔ atifi nyinaa ne nnua a adendan ne odum frɔmfrɔm ase, mmea mmea a wɔde nnuhwam bɔ afɔdeɛ ma wɔn ahoni nyinaa.
14Afei mɛtene me nsa wɔ wɔn so na mama asase no ada mpan afiri anweatam no akɔsi Ribla, baabiara a wɔtete. Na wɔbɛhunu sɛ me ne Awurade.’ ”
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
