1 Samuel Nnianimu - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

NnianimuSamuel Nwoma a Ɛdi Ɛkan no de Eli a na ɔyɛ ɔsɔfopanin wɔ atemmufoɔ no berɛ so no ho asɛm na ɛfiti aseɛ. Eli ne Hana nkutahodie no ne nteteeɛ a ɔde maa Samuel no daa no adi sɛ ɔwɔ gyidie wɔ Onyankopɔn mu (1–3). Nanso, nʼabrabɔ wiee animguaseɛ mu, ɛfiri sɛ, ne mmammarima buu akronkronneɛ no animtia. Apam Adaka Kronkron no kɔdii atamfoɔ nsam no (Ti 4), Eli wuiɛ no, na ɛmaa asɔfodie animuonyam no baa fam, maa adiyifoɔ sɔree wɔ Israel.Wɔde Samuel hyɛɛ Onyankopɔn som mu. Ɔbɛyɛɛ adiyifoɔ akɛseɛ a wɔwɔ Israel no mu baako. Ɔno na ɔwiee atemmufoɔ adwuma no. Ɔsraa Israel ahemfo a wɔdi kan no ngo. Samuel mmammarima tee wɔn ho firii Onyankopɔn ho na wɔgyee adanmudeɛ, buu ntɛnkyea. Ɛno enti nnipa poo atemmufoɔ ne asɔfoɔ akwankyerɛ, na wɔperee sɛ wɔbɛnya ɔhene te sɛ deɛ aman a aka wɔ ahemfo no. (Ti 8.5).Onyankopɔn yii Saulo, ma ɔbɛyɛɛ ɔhene a ɔdi ɛkan wɔ Israel (Ti 10.24). Nʼahennie ahyɛaseɛ no, ɔdaa ɔkannifoɔ su (Ti 11) ne akokoɔduru (Ti 14.46-48) adi. Nanso, wantie Onyankopɔn asɛm. (Ti 15) Ɔtwee ninkunu, na ɔsuroo ɔno ankasa ne sunsum, (Ti 18–19) na ne korakora no, Onyankopɔn gyee nʼahennie no firii ne nsam. Kum a na ɔpɛ sɛ ɔkum Dawid, huna a ɛhunahunaa no no enti, (Ti 20–30) ɔkɔɔ asamanfrɛfoɔ nkyɛn, (Ti 28) na akyire no, ɔkumm ne ho (Ti 31).Sɛ wokenkan Samuel Nwoma a Ɛdi Ɛkan a, hwɛ sɛdeɛ amammuo no firi Onyame nnipa so kɔsi ahemfo so. Abakɔsɛm no bi wɔ Dawid ne Goliat, Dawid ne Yonatan, Dawid ne Abigail ho nsɛm mu.Emu NsɛmEli Ne Samuel (1.1–7.17)Samuel Ne Saulo (16.1–31.13)
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help