2 Tesalonikafoɔ Nnianimu - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)
NnianimuPaulo twerɛɛ krataa a ɛdi ɛkan a ɔde kɔmaa Tesalonikafoɔ no, ankyɛre biara na ɔtwerɛ deɛ ɛtɔ so mmienu yi. Na atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ bi ka sɛ Kristo mmaeɛ a ɛtɔ so mmienu no, waba dada. Yei maa basabasa sii asafo no mu. Nnipa pii gyaee adwumayɛ dii aniha. Paulo twerɛɛ krataa yi kaa wɔn anim wɔ aniha a wɔredi no ho. Ɔkyerɛkyerɛ faa owusɔreɛ ho. Ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnsɔ gyidie no mu denden na wɔnhwɛ Kristo mmaeɛ a ɛtɔ so mmienu no anim.Emu NsɛmNkyea (1.1-2)Paulo da ase bɔ mpaeɛ ma asafo no (1.3-12)Kristo mmaeɛ a ɛtɔ so mmienu (2.1-17)Nkyerɛkyerɛ ahodoɔ (3.1-15)Nhyira ne nkyea (3.16-18)