Nnwom 99 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 99

1 Awurade di ɔhene,

momma amanaman no ho mpopo;

ɔte nʼahennwa so wɔ Kerubim ntam,

ma asase nwoso.

2 Awurade a ɔwɔ Sion yɛ kɛseɛ;

wɔama ne so wɔ amanaman nyinaa mu.

3Ma wɔnkamfo wo din a ɛso na ɛyɛ nwanwa no.

Ɔyɛ kronkron.

4Ɔhene no yɛ kɛseɛ, ɔdɔ atɛntenenee,

woama pɛpɛyɛ atim;

wayɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene

wɔ Yakob mu.

5Momma Awurade, yɛn Onyankopɔn so

na monsɔre no wɔ ne nan ntiasoɔ anim;

ɔyɛ kronkron.

6Na Mose ne Aaron ka nʼasɔfoɔ no ho,

na Samuel ka wɔn a wɔbɔɔ ne din no ho;

wɔfrɛɛ Awurade,

na ɔgyee wɔn so.

7Ɔfiri omununkum dum mu kasa kyerɛɛ wɔn;

wɔdii mmara ne ahyɛdeɛ a ɔmaa wɔn no so.

8Ao Awurade, yɛn Onyankopɔn,

wogyee wɔn so;

woyɛɛ bɔnefakyɛ Onyankopɔn maa Israel,

nanso wɔtwee wɔn aso wɔ wɔn nnebɔne ho.

9Momma Awurade yɛn Onyankopɔn so

na monsɔre no wɔ ne bepɔ kronkron no so,

na Awurade yɛn Onyankopɔn yɛ kronkron.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help