Hagai Nnianimu - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)
NnianimuƆhene Dario maa Israelfoɔ a wɔyɛ Babilonia atukɔfoɔ ɛkwan sɛ wɔnsane nkɔ Yerusalem nkɔsiesie wɔn kuro ne Awurade asɔredan no. Nkurɔfoɔ yi bɛtenatenaa wɔn afie mu, na wɔn werɛ firiiɛ sɛ wɔbɛdi saa dwuma yi. Yei enti Onyankopɔn frɛɛ Odiyifoɔ Hagai sɛ ɔmmɛkaakae Israelfoɔ na ɔnhyɛ wɔn nkuran ma wɔnsi asɔredan no. Ɛno akyi Onyankopɔn bɛda ne daa animuonyam a ɛnam Agyenkwa no so no adi.Emu NsɛmƆhyɛ sɛ wɔnsi Awurade fie no foforɔ (1.1-15)Ahotɔ ne gyidie nsɛm (2.1-23)