Nnwom Mu Dwom Nnianimu - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

NnianimuSalomo dwom yɛ ahokeka nsɛm a wɔatwerɛ no ɔyɛkyerɛ ɛkwan so. Ɛyɛ ɔdɔ anwensɛm ahodoɔ a wɔahyehyɛ a ne fa kɛseɛ no ara yɛ nnwom a ɔbarima to kyerɛ ɔbaa ne deɛ ɔbaa to kyerɛ ɔbarima.Mperɛ pii na Yudafoɔ kyerɛ saa nnwom yi mu sɛ ɛyɛ ayɔnkofa a ɛda Onyankopɔn ne ne man ntam ho mfoni, na Akristofoɔ nso te aseɛ sɛ ɛyɛ ayɔnkofa a ɛda Kristo ne nʼasafo ntam ho mfoni. Ebinom nso ka sɛ ɛyɛ nsɛm a ɛfa aware kann a ɛgyina ɔdɔ so.Emu NsɛmNnwom a ɛdi ɛkan (1.1–2.7)Nnwom a ɛtɔ so mmienu (2.8–3.5)Nnwom a ɛtɔ so mmiɛnsa (3.6–5.1)Nnwom a ɛtɔ so ɛnan (5.2–6.3)Nnwom a ɛtɔ so enum (6.4–8.4)Nnwom a ɛtɔ so nsia (8.5-14)
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help