Nnwom 83 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 83Asaf Dwom.

1Ao Onyankopɔn, ntena hɔ komm;

mmua wʼano, Ao Onyankopɔn, keka wo ho.

2Hwɛ sɛdeɛ wʼatamfoɔ keka wɔn ho fa,

na wɔn a wɔmpɛ wʼasɛm nso ama wɔn tiri so.

3Wɔde anifire repam atia wo nkurɔfoɔ

wɔrepam atia wɔn a wʼakoma da wɔn so no.

4Wɔka sɛ, “Mommra na yɛnsɛe wɔn sɛ ɔman,

sɛdeɛ wɔrenkae Israel din bio.”

5Wɔde adwene korɔ bɔ pɔ;

na wɔpam tia wo,

6Edom ntomadan ne Ismaelfoɔ,

Moabfoɔ ne Hagarfoɔ,

7Gebalfoɔ ne Amonfoɔ ne Amalekfoɔ,

Filistifoɔ ne Tirofoɔ.

8Asiria mpo akɔka wɔn ho

de wɔn ahoɔden akɔhyɛ Lot asefoɔ deɛ mu kena.

9Yɛ wɔn sɛdeɛ woyɛɛ Midian

sɛdeɛ woyɛɛ Sisera ne Yabin wɔ asubɔnten Kison ho no,

10wɔn a wɔsɛee wɔ En-Dor

na wɔdanee nwira no.

11Yɛ wɔn atitire sɛ Oreb ne Seeb,

ne wɔn mmapɔmma nyinaa sɛ Seba ne Salmuna,

12a wɔkaa sɛ, “Momma yɛmfa

Onyankopɔn adidibea nsase no.”

13Ao me Onyankopɔn, yɛ wɔn sɛ twahoframa mu mfuturo,

sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ guo.

14Sɛdeɛ ogya hye kwaeɛ,

na ogyaframa sɔ nkokoɔ mu hye no no,

15saa ara na fa wʼahum taa wɔn

na fa wo mframa a ano yɛ den no hunahuna wɔn.

16Ma animguaseɛ nka wɔn,

na ama nnipa apɛ wo din akyiri ɛkwan, Ao Awurade.

17Ma wɔn anim ngu ase na wɔn abasa mu ntu;

ma wɔnwuwu wɔ animguaseɛ mu.

18Ma wɔnhunu sɛ wo a wo din de Awurade no,

wo nko ara ne Ɔsorosoroni wɔ asase so nyinaa.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no wɔ gittit sankuo nne so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help