Nnwom 121 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 121Ɔsoroforɔ dwom.

1Mema mʼani so kyerɛ mmepɔ no,

ɛhe na me mmoa firi bɛba?

2Me mmoa firi Awurade,

ɔsoro ne asase yɛfoɔ no.

3Ɔremma wo nan nwatiri,

deɛ ɔhwɛ wo no, ɔrentɔ nko.

4Ampa ara deɛ ɔhwɛ Israel no

rentɔ nko na ɔrenna.

5 Awurade hwɛ wo so;

Awurade ne wo nwunu wɔ wo nsa nifa so;

6Owia renhye wo wɔ awiaberɛ mu,

na ɔsrane nso renha wo anadwo.

7 Awurade bɛbɔ wo ho ban afiri ɔhaw nyinaa ho,

ɔbɛhwɛ wo nkwa so;

8 Awurade bɛhwɛ wʼadifire ne wo efieba so,

seesei ne daa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help