1Me ba, fa me nsɛm sie
na kora mʼahyɛdeɛ wɔ wo mu.
2Di mʼahyɛdeɛ so na wobɛnya nkwa;
bɔ me nkyerɛkyerɛ ho ban sɛ deɛ wodɔ noɔ.
3Kyekyere bɔ wo nsateaa ho;
twerɛ no yie gu wʼakoma ɛpono so.
4Ka kyerɛ nyansa sɛ, “Wo yɛ me nuabaa,”
na frɛ nteaseɛ wo busuani;
5Wɔbɛtwe wo afiri ɔbaawaresɛefoɔ ho,
afiri ɔbaawarefoɔ sansani nsɛmmɔdɛ ho.
6Me fie mpomma ano
mede mʼani faa ntokua mu.
7Mehunuu wɔ ntetekwaafoɔ mu,
mehyɛɛ mmeranteɛ no mu baako nso,
ɔbabunu a ɔnni adwene.
8Na ɔnam borɔno a ɛbɛn ɔbaa no fie so
a nʼani kyerɛ ɔbaa no fie
9ɛberɛ a ɔnwunu redwoɔ,
na animu rebiribiri no.
10Afei ɔbaa bi firi bɛhyiaa no a
wasiesie ne ho sɛ odwamanfoɔ a nnaadaa wɔ nʼakomam.
11(Ɔyɛ hyirenn na hwee mfa ne ho,
ɔntena efie koraa;
12ɛnnɛ wɔhunu no mmɔntene so, ɔkyena na ɔte adwaberem,
ɔtetɛ wɔ mmantwea mmantwea.)
13Ɔsɔɔ ne mu fee nʼano
wamfɛre, na ɔkaa sɛ,
14“Mewɔ ayɔnkofa ayɛyɛdeɛ wɔ efie;
ɛnnɛ madi me bɔhyɛ so.
15Enti mebaeɛ sɛ merebɛhyia wo;
mehwehwɛɛ wo na mahunu wo!
16Mato me mpa
mede nwera a wɔahyɛ no aduro a ɛfiri Misraim.
17Mede nnuhwam apete me mpa so:
kurobo, pɛperɛ ne sinamon.
18Bra, ma yɛmfa ɔdɔ mmɔ ɔdɔ mu nkɔsi anɔpa;
19Me kunu nni efie;
watu kwan na ɔbɛkyɛre.
20Ɔde sika a ɛdɔɔso hyɛɛ ne sikabɔtɔ ma
na ɔremma kɔsi ɔsrane no korokumatwa berɛ mu.”
21Ɔde akorɔkorɔ bɔɔ no asɔn;
ɔde nnaadaa nyaa no ne no daeɛ.
22Ɔdii nʼakyi prɛko pɛ
te sɛ nantwie a ɔrekɔ akumiiɛ,
anaa ɔwansane a ɔde ne tiri rekɔhyɛ hankrafidie mu
23kɔsi sɛ bɛmma bɛhwire ne brɛboɔ mu,
te sɛ anomaa a ɔrekɔtɔ anomaa afidie mu
na ɔnnim sɛ ɔbɛhwere ne nkwa.
24Na afei, me mma, montie me;
monyɛ aso mma deɛ meka.
25Mommma mo akoma mpatere nkɔ ne so
na mommane mfa nʼakwan so.
26Bebree na wɔnam ne so ahwehwe ase;
wɔn a wakum wɔn dɔɔso pa ara.
27Ne fie yɛ ɛda kwantempɔn a
ɛkɔ owuo mpia mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
