Adiyisɛm 10 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Onyankopɔn Nhyehyɛeɛ Aba Mu

1Afei, mehunuu ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ foforɔ bi a ɔfiri ɔsoro resiane ba fam. Na ɔhyɛ omununkum mu a nyankontɔn bɔ ne ti. Na nʼanim te sɛ owia, na ne nan te sɛ ogya fadum.

2Na nwoma ketewaa bi kura no a wabue mu. Ɔde ne nan nifa sii ɛpo so na benkum no si asase so.

3Ɔde nne kɛseɛ teaam sɛdeɛ gyata bobom. Ɔteaam no, aprannaa nson kasaeɛ.

4Wɔkasaeɛ pɛ, na mepɛ sɛ metwerɛ. Nanso, metee nne bi firii ɔsoro a ɛkaa sɛ, “Ma nsɛm a aprannaa nson no kaeɛ no nka wo tirim. Ntwerɛ!”

5Ɛhɔ ara ɔbɔfoɔ a mehunuu sɛ ɔgyina hɔ a ne nan baako si ɛpo so na baako si asase so no maa ne nsa nifa so kɔɔ soro,

6na ɔde Onyankopɔn a ɔte hɔ daa daa a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa no edin kaa ntam. Ɔbɔfoɔ no kaa sɛ, “Ɛberɛ sɛeɛ biara nni hɔ.

7Na sɛ ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no hyɛne ne totorobɛnto no a ansa na Onyankopɔn bɛwie nʼahintasɛm mu nhyehyɛeɛ no, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ nʼasomfoɔ a wɔyɛ adiyifoɔ no.”

8Afei, nne a metee sɛ ɛfiri ɔsoro no kasa kyerɛɛ me bio sɛ. “Kɔ na kɔgye nwoma a wabue mu a ɛkura ɔbɔfoɔ a ɔgyina ɛpo ne asase so no.”

9Mekɔɔ ɔbɔfoɔ no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa nwoma ketewa no mma me. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Gye na kɔwe. Ɛbɛkeka wɔ wo yam, nanso wʼanomu deɛ, ɛbɛyɛ dɛ te sɛ ɛwoɔ.”

10Megyee nwoma ketewa no firii ne nsam weeɛ, na ɛyɛɛ dɛ te sɛ ɛwoɔ wɔ mʼanom. Nanso, memeneeɛ no akyi, ɛmaa me yam kaa me.

11Afei, wɔka kyerɛɛ me sɛ, “Kɔ so ka deɛ ɛbɛba kyerɛ aman bebree sofoɔ, kasa ahodoɔ ne ahemfo nso.”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help