Nnwom 19 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 19Dawid dwom.

1Ɔsoro ka Onyankopɔn animuonyam ho asɛm!

Ewiem pae mu ka ne nsa ano adwuma,

2Ɛda biara, wɔkasa;

anadwo biara, wɔkyerɛ nimdeɛ.

3Ɔkasa anaa nsɛm nnim

na wɔnnte wɔn nne.

4Nanso wɔn asɛm akɔduru asase so mmaa nyinaa,

wɔn nsɛm nso akɔduru asase ano.

Wɔ ɔsoro hɔ, wasi ntomadan ama owia,

5a ɔte sɛ ayeforɔkunu a ɔfiri ne pia mu,

te sɛ ɔbrane a ne ho pere no sɛ ɔbɛtu ne mmirika.

6Ɛpue wɔ ɔsoro fa baabi

na atwa ne ho akɔsi ano;

biribiara nhinta ne hyeɛ.

7 Awurade mmara yɛ pɛ,

ɛkanyane ɔkra no.

Ahotosoɔ wɔ Awurade nhyehyɛeɛ mu,

ɛma deɛ ɔnnim nyansa hunu nyansa.

8 Awurade ahyɛdeɛ tene;

ɛma akoma mu anigyeɛ.

Awurade ɔhyɛ nsɛm mu da hɔ;

na ɛbue ani.

9 Awurade suro yɛ kronn,

ɛte hɔ daa.

Awurade mmaransɛm yɛ nokorɛ

na ne nyinaa tene.

10Ɛsom bo sene sikakɔkɔɔ

sene sikakɔkɔɔ amapa mpo;

ɛyɛ dɛ sene ɛwoɔ,

sene ɛwoɔ a ɛfiri ɛwokyɛm mu.

11Wɔnam so bɔ wo ɔsomfoɔ kɔkɔ sɛ,

ɛsodie so akatua yɛ bebree.

12Hwan na ɔhunu nʼankasa mfomsoɔ?

Fa me mfomsoɔ a ahinta kyɛ me.

13Bɔ wʼakoa ho ban firi ɔboayɛ bɔne ho,

na anhyɛ me so.

Ɛno na ɛbɛma madi bem,

a merenni fɔ wɔ bɔne akɛseɛ ho.

14Ma mʼanom nsɛm ne mʼakoma mu mpaeɛbɔ

nyɛ deɛ ɛsɔ wʼani, Ao Awurade

me Botan ne me Gyefoɔ.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help