Hiob 34 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

1Afei Elihu kaa sɛ,

2“Mo anyansafoɔ, montie me nsɛm;

mo animdefoɔ monyɛ aso mma me.

3Ɛfiri sɛ aso sɔ nsɛm hwɛ

sɛdeɛ tɛkrɛma ka aduane hwɛ no.

4Momma yɛnsese nhunu deɛ ɛyɛ ma yɛn.

Momma yɛn nyinaa mmɔ mu nsua deɛ ɛyɛ.

5“Hiob kaa sɛ, ‘Me ho nni asɛm,

nanso Onyankopɔn abu me ntɛnkyea.

6Ɛwom sɛ mʼasɛm da ɛkwan mu,

nanso, wɔbu me ɔtorofoɔ;

ɛwom sɛ menyɛɛ bɔne biara,

nanso ne bɛmma no ama me apirakuro a ɛnnwu da.’

7Onipa bɛn na ɔte sɛ Hiob

a ɔnom animtiabuo sɛ nsuo?

8Ɔne amumuyɛfoɔ nante;

na ɔne atirimuɔdenfoɔ nso bɔ.

9Ɛfiri sɛ ɔka sɛ, ‘Sɛ onipa bɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɔ Onyankopɔn ani a

ɔnnya ho mfasoɔ biara.’

10“Enti mo mmarima a mowɔ nteaseɛ montie me.

Ɛmpare Onyankopɔn sɛ ɔbɛyɛ bɔne,

sɛ Otumfoɔ no bɛyɛ mfomsoɔ.

11Nnipa nneyɛeɛ so na ɔhwɛ tua wɔn ka;

deɛ ɛfata ne nneyɛeɛ na ɔma ɛba ne so.

12Ɛmfata sɛ wɔde mfomsoɔ susu Onyankopɔn,

na ɛmfata sɛ wɔde ntɛnkyea susu Otumfoɔ.

13Hwan na ɔde no sii asase so?

Hwan na ɔde ewiase nyinaa hyɛɛ ne nsa?

14Sɛ ɛyɛɛ ne pɛ

na ɔyii ne Honhom ne nʼahome a,

15anka adasamma nyinaa bɛbɔ mu ayera,

na onipa bɛsane akɔ mfuturo mu.

16“Sɛ mowɔ nhunumu a, montie yei;

montie deɛ meka.

17Obi a ɔkyiri atɛntenenee bɛtumi adi nnipa so?

Mobɛtumi abu Ɔteneneeni kɛseɛ no fɔ anaa?

18Ɛnyɛ Ɔno na ɔka kyerɛ ahemfo sɛ, ‘Mo ho nni mfasoɔ,’

na ɔka kyerɛɛ atitire sɛ, ‘Moyɛ atirimuɔdenfoɔ’?

19Ɔnhwɛ mmapɔmma anim

na ɔnyiyi adefoɔ ne ahiafoɔ mu,

ɛfiri sɛ wɔn nyinaa yɛ ne nsa ano adwuma.

20Wɔwuwu mmerɛ tiawa bi mu, wɔ anadwo dasuo mu;

nnipa no ho woso na wɔsene kɔ;

ahoɔdenfoɔ totɔ a ɛmfiri onipa.

21“Nʼani hwɛ nnipa akwan;

na ɔhunu wɔn anammɔntuo biara.

22Baabiara nni hɔ a aduru sum, esum kabii,

a amumuyɛfoɔ bɛtumi ahinta.

23Ɛho nhia Onyankopɔn sɛ ɔbɛhwehwɛ nnipa mu bio,

a enti ɛsɛ sɛ wɔba nʼanim bɛgye atemmuo.

24Ɔbobɔ aberempɔn gu a ɔnyɛ nhwehwɛmu biara,

na ɔde afoforɔ sisi wɔn ananmu.

25Ɛfiri sɛ ɔhunu wɔn nneyɛeɛ,

ɔtu wɔn gu anadwo na wɔdwerɛ wɔn.

26Ɔtua wɔn amumuyɛsɛm so ka

wɔ baabi a obiara bɛtumi ahunu wɔn,

27ɛfiri sɛ, wɔmane firii nʼakyi kɔeɛ

na wɔampɛ nʼakwan biara anhwɛ.

28Wɔmaa ahiafoɔ sufrɛ duruu nʼanim

na ɛma ɔtee mmɔborɔni su.

29Nanso sɛ ɔyɛ komm a, hwan na ɔbɛtumi abu no fɔ?

Sɛ ɔde nʼanim hinta nso a, hwan na ɔbɛhunu no?

Nanso ɔdi onipa ne ɔman so pɛpɛɛpɛ,

30ɔmma onipa a ɔnnim Onyame nni ɔhene,

sɛdeɛ wɔnnsum nnipa no mfidie.

31“Adɛn enti na onipa nka nkyerɛ Onyankopɔn sɛ,

‘Mayɛ bɔne na merenyɛ bɔne bio.

32Kyerɛ me na menhunu;

na sɛ mayɛ bɔne a, merenyɛ saa bio.’

33Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn gyina deɛ wode wʼano aka so tua wo ka,

wɔ ɛberɛ a woayɛ sɛ worennu wo ho anaa?

Ɛsɛ sɛ wosi gyinaeɛ, ɛnyɛ me;

enti ka deɛ wonim kyerɛ me.

34“Nnipa a wɔwɔ nteaseɛ pae mu ka,

animdefoɔ a wɔtie me ka kyerɛ me sɛ,

35‘Hiob nnkasa nimdeɛ kwan so;

aba biara nni ne kasa mu.’

36Ao, sɛ wɔsɔɔ Hiob hwɛeɛ kɔɔ akyiri a anka ɛyɛ,

ɛfiri sɛ ɔyiyii nsɛm ano sɛ omumuyɛfoɔ!

37Ɔde atuateɛ ka ne bɔne ho;

ɔde ahantan bɔ ne nsam gu yɛn so

na ɔma ne nsɛm a ɔka tia Onyankopɔn no dɔɔso.”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help