Ɔsɛnkafoɔ Nnianimu - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

NnianimuƆsɛnkafoɔ nwoma no fa Ɔhene Salomo nsusuiɛ ho. Ɔdwennwenee yie faa sɛdeɛ nnipa mmerɛ si yɛ tia no ho. Ɔhwɛɛ ne nkyi ne ɔbra a wabɔ; deɛ wasɔ ahwɛ, deɛ waka ahwɛ, na afei asɛm a ɔde wieeɛ ara ne sɛ, abrabɔ yɛ “huhuo”. Wantumi ante Onyankopɔn a onipa hyɛberɛ wɔ ne nsam no akwan ase. Nanso yeinom nyinaa akyi no, ɔtuu fo sɛ wɔnyɛ adwuma den.Nokorem saa nwoma mu yi kyerɛ abrabɔ ne honhom mu nyansa a ɛma nnipa bebree hunu wɔn ho sɛdeɛ wɔteɛ, na afei wɔnya abotɔyam ne anidasoɔ wɔ Onyankopɔn mu.Emu NsɛmSalomo abrabɔ mu nsɛm (1.1–2.26)Deɛ Salomo ahwɛ ahunu (3.1–5.20)Salomo afutusɛm (6.1–8.17)Deɛ Salomo de wie (9.1–12.14)
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help