Yeremia 31 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

1“Saa ɛberɛ no,” Awurade na ɔseɛ, “Mɛyɛ Israel mmusuakuo no nyinaa Onyankopɔn, na wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ.”

2Deɛ Awurade seɛ nie:

“Nnipa a wɔntotɔ wɔ akofena ano no

bɛnya adom wɔ anweatam so;

mede ahomegyeɛ bɛbrɛ Israel.”

3 Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ yɛn kane no na ɔkaa sɛ,

“Mede ɔdɔ a ɛnsa da adɔ mo

mede adɔeɛ atwe mo.

4Mede wo bɛsi hɔ bio

na wɔbɛsane de wo asi hɔ, Ao Israel babunu.

Wobɛfa wʼakasaeɛ bio

na wafiri adi ne anigyefoɔ akɔsa.

5Bio, mobɛyɛ bobe nturo

wɔ Samaria nkokoɔ so;

akuafoɔ no bɛdua

na wɔadi so aba.

6Ɛda bi bɛba a, awɛmfoɔ bɛteam

wɔ Efraim nkokoɔ so sɛ,

‘Mommra momma yɛnforo nkɔ Sion

nkɔ Awurade yɛn Onyankopɔn nkyɛn.’ ”

7Deɛ Awurade seɛ nie:

“Momfa ahosɛpɛ nto nnwom mma Yakob;

Monteam mma amanaman mu dikanfoɔ.

Momma wɔnte mo ayɛyie na monka sɛ,

‘Ao Awurade gye wo nkurɔfoɔ,

Israel nkaeɛfoɔ no.’

8Hwɛ, mede wɔn bɛfiri atifi fam asase so aba

na maboa wɔn ano afiri nsase ano.

Wɔn mu bi bɛyɛ anifirafoɔ, mpakye,

apemfoɔ ne mmaa a wɔwɔ awokoɔ mu.

Ɛdɔm kɛseɛ bɛsane aba.

9Wɔde esu na ɛbɛba;

wɔbɛbɔ mpaeɛ ɛberɛ a mede wɔn resane aba.

Mede wɔn bɛfa nsuwa ho,

ɛkwan tamaa a wɔrensunti wɔ so,

ɛfiri sɛ mɛyɛ Israel agya,

na Efraim yɛ me babarima piesie.

10“Montie Awurade asɛm, Ao amanaman;

mommɔ no dawuro wɔ mpoano nsase a ɛwɔ akyirikyiri so sɛ,

‘Deɛ ɔbɔɔ Israel peteeɛ no bɛboaboa wɔn ano

na wahwɛ ne nnwankuo so sɛ odwanhwɛfoɔ.’

11Na Awurade bɛgyina mu ama Yakob

na wagye wɔn afiri wɔn a

wɔwɔ ahoɔden sene wɔn no nsam.

12Wɔbɛba na wɔde ahurisie ateam wɔ Sion sorɔnsorɔmmea;

wɔbɛsɛpɛ wɔn ho wɔ akyɛdeɛ bebrebe a

ɛfiri Awurade hɔ mu,

atokoɔ, nsã foforɔ ne ngo,

nnwammaa ne anantwie.

Wɔbɛyɛ sɛ turo a wɔagugu so nsuo yie,

na wɔrenni awerɛhoɔ bio.

13Afei, mmabaawa bɛsa na wɔn ani agye,

mmeranteɛ ne nkɔkoraa nso.

Mɛma wɔn awerɛhoɔ adane anigyeɛ;

mɛma wɔn ahotɔ ne ahosɛpɛ asi awerɛhoɔ anan mu.

14Mɛma asɔfoɔ no deɛ ɛhia wɔn ama abu so,

na mama mʼakyɛdeɛ bebrebe amee me nkurɔfoɔ,”

Awurade, na ɔseɛ.

15Yei ne deɛ Awurade seɛ:

“Wɔte nne bi wɔ Rama,

awerɛhoɔ ne agyaadwotwa bebree,

Rahel resu ne mma

na ɔmpɛ sɛ wɔkyekyere ne werɛ,

ɛfiri sɛ, ne mma nni hɔ bio.”

16Yei ne deɛ Awurade seɛ:

“Hyɛ wo ho so na woansu

mia wʼani na woante nisuo,

ɛfiri sɛ wɔbɛtua wʼadwumayɛ so ka,”

Awurade na ɔseɛ.

“Wɔbɛsane afiri atamfoɔ no asase so aba.

17Enti anidasoɔ wɔ hɔ ma wo daakye.”

Awurade na ɔseɛ.

Wo mma bɛsane aba wɔn ankasa asase so.

18“Ampa ara mate sɛ Efraim resu sɛ,

‘Wotenetenee me so sɛ nantwie ba a nʼani yɛ den,

na woatwe me mʼaso.

Gye me bio, na mɛsane aba,

ɛfiri sɛ wo ne Awurade, me Onyankopɔn.

19Memaneeɛ akyi no,

menyaa adwensakyera;

na akyire a menyaa nteaseɛ no,

mede awerɛhoɔ boroo me koko so.

Mʼanim guu ase na mefɛreeɛ

ɛfiri sɛ me mmabunu mu animguaseɛ da so so me.’

20Efraim nyɛ me babarima dɔfoɔ anaa?

Efraim nyɛ ɔba a ɔsɔ mʼani anaa?

Ɛwom sɛ metaa kasa tia no deɛ,

nanso meda so kae no.

Enti mʼakoma pere hwehwɛ no;

mewɔ ayamhyehyeɛ ma no,”

sei na Awurade seɛ.

21“Momfa ahyɛnsodeɛ nsisi ɛkwan ho;

monsisi akwankyerɛ afadum.

Monhyɛ ɛkwantempɔn no nso

ɛkwan a monam so ba.

Sane wakyi, Ao ɔbabunu Israel,

sane bra wo nkuro so.

22Wobɛkyinkyini akɔsi da bɛn,

Ao, ɔbabaa ɔsesafoɔ?

Awurade bɛyɛ ade foforɔ wɔ asase so,

ɔbaa bɛbɔ ɔbarima ho ban.”

23Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ: “Sɛ mesane de wɔn firi nnommumfa mu ba a, nnipa a wɔwɔ Yuda asase ne nkuro so bɛsane aka saa nsɛm yi bio sɛ, ‘Awurade nhyira wo, Ao, tenenee atenaeɛ, Ao, bepɔ kronkron.’

24Nnipa bɛbom atena ase wɔ Yuda ne ne nkuro nyinaa so, akuafoɔ ne wɔn a wɔde wɔn nnwankuo nenam.

25Mɛma deɛ wabrɛ no anya ahoɔden foforɔ, na deɛ watɔ baha no nso mɛma no amee.”

26Ɛha na menyaneeɛ, na mehwɛɛ me ho hyiaeɛ. Me nna no kɔɔ me yie.

27“Nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ, “a mede nnipa mma ne mmoa mma bɛdua Israel ne Yuda efie.

28Sɛdeɛ mehwɛ ma wɔtutuiɛ, wɔdwiriiɛ, wɔbubuiɛ, wɔsɛeɛ na wɔde amanehunu baeɛ no, saa ara na mɛhwɛ ama wɔasi na wɔadua,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

29Saa nna no mu, nnipa renka bio sɛ,

“ ‘Agyanom adi bobe a ɛkeka,

na mma se afem.’

30Ɛno enti, obiara bɛwu wɔ ɔno ara bɔne ho; deɛ ɔbɛdi bobe a ɛkeka no, ɔno na ne se bɛfem.

31“Ɛberɛ no reba,” Awurade na ɔseɛ,

“a me ne Israel efie

ne Yuda efie bɛyɛ apam foforɔ.

32Ɛrenyɛ sɛ apam a

me ne wɔn agyanom yɛeɛ no

ɛberɛ a mesɔɔ wɔn nsa,

dii wɔn anim firii Misraim no.

Saa ɛberɛ no deɛ, wɔbuu mʼapam so,

wɔ ɛberɛ a na meyɛ okunu ma wɔn,”

Awurade na ɔseɛ.

33“Nanso yei ne apam a me ne Israel efie bɛyɛ saa ɛberɛ no akyi,”

Awurade na ɔseɛ.

“Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu,

na matwerɛ wɔ wɔn akoma so.

Mɛyɛ wɔn Onyankopɔn,

na wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ.

34Na obiara renkyerɛkyerɛ ne yɔnko bio,

anaa ne nua sɛ, ‘Hunu Awurade,’

Ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa bɛhunu me,

ɛfiri wɔn mu akumaa so, kɔsi ɔkɛseɛ so,”

Sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

“Na mede wɔn amumuyɛ bɛkyɛ wɔn,

na merenkae wɔn bɔne bio.”

35Yei ne deɛ Awurade seɛ,

deɛ ɔma owia hyerɛn adekyeeɛ,

na ɔhyɛ ɔsrane ne nsoromma

sɛ wɔnhyerɛn anadwo;

deɛ ɔkanyane ɛpo

ma ɛbɔ asorɔkye,

Asafo Awurade ne ne din.

36“Saa ahyɛdeɛ yi twam mpo a,”

Awurade na ɔseɛ,

“merennyaa Israel da.”

37Yei ne deɛ Awurade seɛ:

“Sɛ wɔbɛtumi asusu ewiem ntrɛmu

na wɔatumi ahwehwɛ asase ase fapem mpo a,

ɛwom sɛ Israel ayɛ bɔne deɛ,

nanso merempa Israel asefoɔ nyinaa da,”

Awurade na ɔseɛ.

38“Nna no reba,” Awurade na ɔseɛ, “a wɔbɛkyekyere kuropɔn yi bio ama me, firi Hananel abantenten kɔsi Twɛtwɛwaso Ɛpono.

39Wɔbɛtwe susuhoma no mu, afiri hɔ de akɔsi Gareb kokoɔ so, na akontono akɔ Goa.

40Bɔnhwa a wɔto afunu ne nsõ gu mu no nyinaa ne asase a ɛkɔ Kidron bɔnhwa wɔ apueeɛ fam, kɔsi apɔnkɔ ɛpono no twɛtwɛwaso bɛyɛ kronkron ama Awurade. Wɔrentutu na wɔrensɛe kuropɔn no da.”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help