Kolosefoɔ Nnianimu - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)
NnianimuNa akyinnyegyeɛ ne akasakasa wɔ Akristofoɔ a wɔwɔ Kolose no ntam. Na ebinom bisa sɛ Kristo yɛ Onyankopɔn anaasɛ nso ɛnte saa. Deɛ ɛka ho nso ne sɛ, na atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ rekyerɛ nkyerɛkyerɛ bɔne; ɛno enti, Akristofoɔ a wɔwɔ Kolose no somaa Epafrodito maa ɔkɔsraa Paulo wɔ afiase hɔ, kɔbisaa nʼadwene wɔ saa nkyerɛkyerɛ bɔne ne deɛ ɛfa Kristo nyameyɛ no ho. Ɛno enti, Paulo twerɛɛ krataa yi de kɔmaa Kolosefoɔ no kyerɛɛ nʼadwene a ɔwɔ wɔ saa akyerɛkyerɛfoɔ bɔne yi ne wɔn nkyerɛkyerɛ yi ho, na ɔtoaa so sɛ ɛkwan biara so, Kristo yɛ Onyankopɔn. Ɔkyerɛɛ ɛkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so ma twaka da okunu ne ɔyere ne awofoɔ ne mma ntam.Emu NsɛmNkyea ne nnianimu (1.1-14)Nkyerɛkyerɛ sononko (1.15–2.23)Abrabɔ dada ne foforɔ mfatoho (3.1–4.6)Asɛnka a ɛtwa toɔ (4.7-18)