Daniel Nnianimu - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)
NnianimuWɔtwerɛɛ Daniel Nwoma yi ɛberɛ a na Israelfoɔ hyɛ ɔhene bi a na ɔnnim Onyankopɔn ase. Daniel hunuu sɛ na ɔnni ne fawohodie bebree, na ahonisomfoɔ nso atwa ne ahyia. Anka ɛsɛ sɛ ɔgyae ne Onyame mu, nanso Daniel kokodurufoɔ yi sɔɔ ne gyidie a ɔwɔ wɔ Onyankopɔn mu denden. Ɔhunuu sɛ Onyankopɔn yɛ Otumfoɔ, na ɔyɛ ne nhyehyɛeɛ ma ɔman ne obiara.Daniel Nwoma yi ka Nebukadnessar ko a ɔko faa Yerusalem ne Daniel ne nnamfonom mmiɛnsa ne Belsasar a ɔsii Nebukadnessar anan dii adeɛ sɛ ɔhene ho asɛm. Nwoma yi de Daniel anisoadehunu ahodoɔ a ɔnyaeɛ wɔ Belsasar, Dario ne Sirus ɛberɛ so na ɛwieeɛ.Emu NsɛmDaniel Abrabɔ (1.1–6.28)Daniel Anisoadehunu (7.1–12.13)