1Sɛ mede nnipa ne abɔfoɔ tɛkrɛma kasa na menni dɔ a, na mete sɛ yaawa a ɛregyegyeɛ anaa akasaeɛ a ɛrewoso kɛkɛ.
2Ebia na mewɔ akyɛdeɛ a metumi ka asɛmpa no ma ɛka nnipa akoma; ebia na mewɔ osuahunu ne nteaseɛ ma mete ahintasɛm nyinaa ase; ebia na mewɔ gyidie a ɛma metumi tutu mmepɔ, nanso sɛ menni ɔdɔ a, menka hwee.
3Mɛtumi de deɛ mewɔ nyinaa makyɛ na mpo matu me onipadua asi hɔ sɛ wɔnhye, nanso sɛ menni ɔdɔ a, mennya ho mfasoɔ biara.
4Ɔdɔ wɔ boasetɔ na ne tirim yɛ mmerɛ; ɔdɔ nyɛ ahoɔyea anaa ɛnkyerɛ ne ho anaa ɔnni ahomasoɔ su;
5ɔdɔ mmu ɔbra bɔne; ɔnyɛ pɛsɛmenkomenya; ne bo nha no; ɔmfa bɔne nhyɛ ne mu;
6ɔdɔ mpɛ bɔne, na mmom, ɔpɛ nokorɛ.
7Ɔdɔ mpa aba; ne gyidie, nʼanidasoɔ ne ne boasetɔ nni hwammɔ.
8Ɔdɔ wɔ hɔ daa. Nkɔmhyɛ wɔ hɔ nanso, ɛnte hɔ daa; akyɛdeɛ a ɛma wɔka kasa foforɔ wɔ hɔ, nanso ɛwɔ nʼawieeɛ; osuahunu wɔ hɔ, nanso ɛbɛtwam.
9Deɛ yɛnim no ne nkɔm a yɛhyɛ no yɛ fa ne fa bi;
10nanso deɛ ɛyɛ pɛ no nya ba a, deɛ ɛyɛ fa ne fa no bɛgu.
11Meyɛ abɔfra no mekasaa sɛ abɔfra, medwenee sɛ abɔfra, mesusuu sɛ abɔfra, na meyɛɛ ɔpanin yi, magu mmɔfraasɛm no.
12Deɛ yɛhunu no seesei no te sɛ su bi a ɛyɛ kusuu wɔ ahwehwɛ mu. Ɛno akyi, yɛbɛhunu no kann. Deɛ menim seesei no yɛ ɛho fa bi; akyire yi, ɛbɛdi mu te sɛ Onyankopɔn nimdeɛ a ɔwɔ wɔ me ho no.
13Na afei nneɛma mmiɛnsa yi na ɛwɔ hɔ: gyidie, anidasoɔ, ɔdɔ; na ɔdɔ ne mu kɛseɛ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
