1“ ‘Saa ɛberɛ no, sɛdeɛ Awurade seɛ nie, wɔbɛyiyi Yuda ahemfo ne adwumayɛfoɔ nnompe, asɔfoɔ ne adiyifoɔ nnompe ne Yerusalemfoɔ nnompe afiri wɔn nnamena mu.
2Wɔbɛsɛ no kɛtɛ wɔ awia ne ɔsrane ne ɔsorosoro nsoromma nyinaa a wɔdɔɔɛ na wɔsomeeɛ na wɔdii akyire no ase. Wɔremmoa wɔn ano na wɔrensie wɔn, mmom, wɔbɛyɛ sɛ sumina a ɛgugu fam.
3Saa ɔman bɔne yi nkaeɛfoɔ no, baabiara a mɛtwa wɔn asuo akɔ no, wɔbɛpɛ sɛ wɔbɛwu sene sɛ wɔbɛtena nkwa mu, sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.’
Bɔne Ne Asotwe4“Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade seɛ nie:
“ ‘Sɛ nnipa hwe ase a, wɔnsɔre anaa?
Sɛ onipa dane ne ho a, ɔnsane nʼakyi anaa?
5Afei adɛn enti na saa nnipa yi adane wɔn ho?
Adɛn enti na Yerusalem dane ne ho daa yi?
Wɔkura nnaadaa mu pintinn;
na wɔmpɛ sɛ wɔsane wɔn akyi.
6Mawɛn maso matie,
nanso wɔnnka deɛ ɛtene.
Wɔn mu biara nnu ne ho wɔ nʼamumuyɛ ho,
na ɔka sɛ, “Ɛdeɛn na mayɛ?”
Obiara fa ɔno ara ɛkwan so
te sɛ ɔpɔnkɔ a ɔrebɔ hyia dɔm.
7Mpo asukɔnkɔn a ɔwɔ ewiem
nim ne mmerɛ a wɔahyehyɛ ama no,
na aturukuku, asomfena ne anyankuku
hunu ɛberɛ a wɔtu kɔtena baabi,
nanso me nkurɔfoɔ nnim
deɛ Awurade hwehwɛ.
8“ ‘Adɛn na motumi ka sɛ, “Yɛnim nyansa,
ɛfiri sɛ yɛwɔ Awurade mmara,”
wɔ ɛberɛ a atwerɛfoɔ twerɛdua torofoɔ
de atorɔ adanedane mu?
9Anyansafoɔ no anim bɛgu ase;
wɔn ho bɛdwiri wɔn na afidie ayi wɔn.
Sɛ wɔapo Awurade asɛm no a,
na ɛdeɛn nyansa na wɔwɔ?
10Mede wɔn yerenom bɛma mmarimma foforɔ
ne wɔn mfuo nso ama afoforɔ.
Ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so,
wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfoɔ de pɛ ahonya;
adiyifoɔ ne asɔfoɔ te saa,
wɔn nyinaa yɛ asisifoɔ.
11Wɔmia me nkurɔfoɔ apirakuro
te sɛ deɛ ɛnyɛ hu.
Wɔka sɛ, “Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ”
wɔ mmerɛ a asomdwoeɛ nni hɔ.
12Wɔn ani wu wɔ wɔn animguaseɛ nneyɛɛ no ho anaa?
Dabi, wɔn ani nnwu koraa;
wɔnnim fɛreɛ mpo.
Enti wɔbɛtotɔ wɔ atɔfoɔ mu;
sɛ metwe wɔn aso a, wɔbɛhwehwe ase,
sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
13“ ‘Mɛfa wɔn otwa berɛ nnɔbaeɛ akɔ,
deɛ Awurade seɛ nie.
Aba biara remma bobe nnua no so.
Aba biara remma borɔdɔma nnua no so,
ɛso nhahan bɛdwindwan.
Deɛ mede ama wɔn no
wɔbɛgye afiri wɔn nsam.’ ”
14Adɛn enti na yɛtete ha?
Mommoaboa mo ho ano!
Momma yɛnnwane nkɔ nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ mu
na yɛnkɔwuwu wɔ hɔ!
Ɛfiri sɛ Awurade yɛn Onyankopɔn abu yɛn kumfɔ
na wama yɛn nsuo a awuduro wɔ mu sɛ yɛnnom,
ɛfiri sɛ yɛayɛ bɔne atia no.
15Yɛhwɛɛ ɛkwan sɛ yɛbɛnya asomdwoeɛ
nanso biribi pa biara amfiri mu amma,
yɛhwɛɛ ayaresa berɛ ɛkwan
nanso ehu nko ara na ɛkaa yɛn.
16Wɔte atamfoɔ no apɔnkɔ homee
firi Dan;
na wɔn apɔnkɔnini su
ma asase no nyinaa woso.
Wɔaba sɛ wɔrebɛsɛe
asase no ne ɛso nneɛma nyinaa,
kuropɔn no ne wɔn a wɔtete mu nyinaa.
17“Hwɛ, mɛsoma awɔ a wɔn ano wɔ borɔ aba mo mu,
nhurutoa a wɔntumi nnwodwo wɔn,
na wɔbɛkeka mo,”
deɛ Awurade seɛ nie.
18Ao mʼawerɛhoɔ mu ɔwerɛkyekyefoɔ,
mʼakoma aboto wɔ me mu.
19Tie me nkurɔfoɔ sufrɛ
a ɛfiri akyirikyiri asase so:
“Awurade nni Sion anaa?
Ne Ɔhene no nni hɔ bio anaa?”
“Adɛn enti na wɔde wɔn nsɛsodeɛ ahyɛ me abufuo,
wɔn ananafoɔ ahoni huhuo no?”
20“Otwa berɛ no atwam,
ahuhuro berɛ no aba awieeɛ,
na wɔnnyee yɛn nkwa.”
21Sɛ wɔadwerɛ me nkurɔfoɔ no enti, wɔadwerɛ me;
medi awerɛhoɔ, na ahodwirie akyekyere me.
22Aduro bi nni Gilead anaa?
Ɔyaresafoɔ bi nni hɔ anaa?
Na afei adɛn enti na ayaresa nni hɔ
mma me nkurɔfoɔ apirakuro?
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.