Hosea 14 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Ahonu De Nhyira Ba

1Ao Israel, sane wʼakyi kɔ Awurade wo Onyankopɔn nkyɛn.

Wʼahweaseɛ firi wo bɔne!

2Fa wo nsɛm a wowɔ

sane kɔ Awurade nkyɛn.

Ka kyerɛ no sɛ,

“Fa yɛn bɔne nyinaa kyɛ yɛn,

na fa ahummɔborɔ gye yɛn,

na yɛatumi ayi wo ayɛ.

3Asiria rentumi nnye yɛn;

yɛrentena akofoɔ apɔnkɔ so.

Yɛrenka bio da sɛ, ‘Yɛn anyame’

nkyerɛ deɛ yɛn ara de yɛn nsa ayɛ,

na wo mu na nwisiaa nya ahummɔborɔ.”

4“Mɛsa wɔn asobrakyeɛ yadeɛ.

Mɛfiri mʼakoma mu adɔ wɔn,

ɛfiri sɛ mʼabufuo nni wɔn so bio.

5Mɛyɛ sɛ obosuo ama Israel.

Ɔbɛfefɛ ayɛ frɔmm te sɛ sukooko.

Te sɛ Lebanon ntweneduro no

ɔde ne nhini bɛtim fam;

6ne mman bɛdennan.

Nʼahoɔfɛ bɛyɛ sɛ ngo dua,

na ne hwa ayɛ sɛ Lebanon ntweneduro.

7Nnipa bɛtena ne nwunu ase bio.

Ɔbɛnyini ayɛ frɔmm te sɛ aburoo.

Ɔbɛfefɛ ayɛ frɔmm te sɛ bobe,

na ne din a ahyeta bɛyɛ sɛ nsã a ɛfiri Lebanon.

8Ao, Efraim ɛdeɛn na me ne ahoni wɔ yɛ bio?

Mɛgye no so na mʼani aku ne ho.

Mete sɛ dua a nʼahahan mpo;

sɛ wobɛso aba a, ɛgyina me so.”

9Hwan ne onyansafoɔ? Ɔbɛhunu yeinom mu.

Hwan na ɔwɔ nhunumu? Ɔbɛte yeinom ase.

Awurade akwan tene.

Ateneneefoɔ nante so,

nanso asoɔdenfoɔ sunti so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help