1Bio, mehwɛ mehunuu nhyɛsoɔ a ɛrekɔ so wɔ owia yi ase:
Mehunuu wɔn a wɔredi wɔn nya no nisuo
na wɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ biara;
tumi no wɔ wɔn nhyɛsofoɔ no nsam
na wɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ biara.
2Na mekaa sɛ: Awufoɔ a
wɔawuwu dada no
ani gye sene ateasefoɔ;
wɔn a wɔda so wɔ nkwa mu no.
3Na deɛ ɔyɛ sene baanu yi
ne deɛ ɔnnya mmaeɛ,
deɛ ɔnnya nhunuu bɔne a
wɔyɛ wɔ owia yi ase.
4Na mehunuu sɛ adwumayɛ mu ɔbrɛ ne deɛ onipa tumi yɛ nyinaa nnyinasoɔ ne sɛ, nʼani bere ne yɔnko. Yei nso yɛ ahuhudeɛ, mmirika a wɔtu taa mframa.
5Ɔkwasea bobɔ ne nsa gu ne ho
na ɔsɛe ne ho.
6Nsa ma baako a asomdwoeɛ wɔ mu
yɛ sene nsa ma mmienu a ɔbrɛ bata ho.
Ɛte sɛ deɛ wotaa mframa.
7Afei nso mehunuu biribi a ɛnka hwee wɔ owia yi ase:
8Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔyɛ ankonam;
ɔnni ɔbabarima anaa onuabarima.
Nʼadwumaden amma nʼawieeɛ da,
nanso nʼani ansɔ nʼahonya.
Ɔbisaa ne ho sɛ, “Na hwan na merebrɛ ama no,
na adɛn enti na mede anigyeɛ kame me kra?”
Yei nso yɛ ahuhudeɛ,
ɛyɛ ɔhaw kwa.
9Baanu yɛ sene ɔbaakofoɔ,
ɛfiri sɛ wɔnya wɔn adwumayɛ so mfasoɔ a ɛsɔ ani:
10Sɛ ɔbaako hwe ase a
ne yɔnko bɛtumi aboa no.
Nanso onipa a ɔhwe ase a
ɔnni ɔboafoɔ no yɛ mmɔbɔ.
11Bio, sɛ baanu da bɔ mu a, wɔka wɔn ho hye.
Na ɛbɛyɛ dɛn na ɔkɔntenkorɔ aka ne ho hye?
12Ɔbaakofoɔ deɛ, wɔbɛtumi aka no ahyɛ
nanso baanu tumi pere wɔn ti.
Homa a wɔawɔ no mmɛsa no, wɔntumi ntete mu ntɛm.
Ɛkankɔ Yɛ Adehunu13Ɔbabunu nyansafoɔ a ɔdi hia yɛ sene ɔhene akɔkoraa a ɔyɛ kwasea na ɔntie kɔkɔbɔ bio.
14Ebia na ɔbabunu no firi nneduafie na ɔbɛdii adeɛ anaasɛ wɔwoo no too ohia mu wɔ adehyeɛ abusua mu.
15Mehunuu sɛ wɔn a wɔtenaa ase na wɔnantee owia yi ase nyinaa dii ɔbabunu no akyi, deɛ ɔdii ɔhene no adeɛ no.
16Nnipa dɔm a wɔntumi nkane wɔn dii nʼakyi. Nanso nkyirimma no ani annye ne ho. Yei nso yɛ ahuhudeɛ, ɛte sɛ wotaa mframa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
