1Ao Onyankopɔn, mʼakoma atɔ me yam;
mede me kra nyinaa bɛto wʼayɛyie dwom.
2Monyane, sankuo ne bɛnta!
Mɛnyane anɔpahema.
3Ao Awurade, mɛkamfo wo wɔ aman no mu;
mɛto wo ho dwom wɔ nnipa no mu.
4Wʼadɔeɛ so, ɛkorɔn sene ɔsoro;
wo nokorɛdie duru ewiem.
5Ao Onyankopɔn, ɛsɛ sɛ wɔma wo so tra ɔsoro,
na ama wʼanimuonyam aba asase nyinaa so.
6Fa wo nsa nifa gye yɛn na boa yɛn,
na ama wɔn a wodɔ wɔn no anya nkwa.
7Onyankopɔn akasa afiri ne kronkronbea sɛ,
“Nkonim mu na mɛkyɛ Sekem mu
na masusu Sukot Bɔnhwa.
8Gilead yɛ me dea; Manase nso saa ara;
Efraim yɛ me dadeɛ kyɛ,
Yuda yɛ mʼahempoma.
9Moab yɛ me dwaresɛn,
Edom so na meto me mpaboa guo;
Filistia so na mebɔ ose.”
10Hwan na ɔde me bɛkɔ kuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu?
Hwan na ɔbɛdi mʼanim akɔ Edom?
11Ao Onyankopɔn, ɛnyɛ wo na woapo yɛn?
Wo ne yɛn nsraadɔm renkɔ ɔsa bio anaa?
12Boa yɛn tia ɔtamfoɔ no,
na ɔdasani mmoa nka hwee.
13Onyankopɔn wɔ yɛn afa yi, yɛbɛdi nkonim,
na ɔbɛtiatia yɛn atamfoɔ so.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
