1Yuda asefoɔ no bi edin de
Peres, Hesron, Karmi, Hur ne Sobal.
2Sobal babarima Reaia na ɔwoo Yahat. Yahat woo Ahumai ne Lahad. Yeinom na na wɔyɛ Sorafoɔ mmusua.
3Na Etam asefoɔ no ne
Yesreel, Yisma, Yidbas, ɛnna Haslelponi a na ɔyɛ ne babaa,
4Penuel a na ɔyɛ Gedor agya ne Eser a na ɔyɛ Husa agya. Yeinom na na wɔyɛ Hur a na ɔyɛ Efrata abakan ne Betlehem agya no asefoɔ.
5Na Tekoa agya a ne din de Ashur no wɔ yerenom baanu a wɔfrɛ wɔn Hela ne Naara.
6Naara woo Ahusam, Hefer, Temeni ne Ahastari.
7Hela woo
Seret, Sohar, Etnan,
8ne Kos a nʼasefoɔ ne Anub, Hasobeba ne Harum babarima Aharhel, Harum ne ne mmusua nyinaa.
9Na ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yabes a ɔyɛɛ ɔkɛseɛ sene ne nuammarima nyinaa. Ne maame too no edin Yabes, ɛfiri sɛ, ɔnyaa ɔyea wɔ nʼawoɔ mu.
10Yabes ne obi a ɔbɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ Israel Onyankopɔn sɛ, “Ao, hyira me na trɛ mʼahyeɛ mu. Mesrɛ wo, ka me ho wɔ deɛ mɛyɛ biara mu, na yi me firi ɔhaw ne ɔyea nyinaa mu.” Na Onyankopɔn yɛɛ nʼabisadeɛ no maa no.
11Suba nuabarima Kelub woo Mehir. Mehir woo Eston.
12Eston woo Bet-Rafa, Paseah ne Tehina. Tehina woo Ir-Nahas. Yeinom ne Reka asefoɔ.
13Kenas mmammarima ne
Otniel ne Seraia.
Otniel mmammarima ne
Hatat ne Meonotai.
14Meonotai woo Ofra.
Na Seraia woo Yoab
a ɔhyɛɛ Adwumfoɔ Bɔnhwa ase, ɛfiri sɛ, na adwumfoɔ pii tete hɔ.
15Na Yefune babarima Kaleb mmammarima yɛ
Iru, Ela ne Naam.
Na Ela babarima yɛ
Kenas.
16Yehalelel mmammarima ne
Sif ne Sifa, Tiria ne Asarel.
17Ɛsra mmammarima yɛ
Yeter, Mered, Efer ne Yalon.
Mered waree Misraimni baa ma ɔwoo Miriam, Samai ne Yisba a ɔbɛyɛɛ Estemoa agya no.
18Mered nso waree ɔbaa a ɔfiri Yuda.
Ɔno nso woo Yered a ɔbɛyɛɛ Gedor agya, Heber a ɔyɛ Soko agya, ne Yekutiel a ɔyɛ Sanoa agya. Na wɔfrɛ Mered yere Misraimni no Bitia a na ɔyɛ Misraimhene babaa.
19Na Hodia yere yɛ Naham nuabaa.
Ne mmammarima no mu baako na ɔwoo Keila a ɔyɛ Garmini na ɔbaako nso woo Estemoa a ɔyɛ Maakatni.
20Simon mmammarima ne
Amnon, Rina, Ben-Hanan ne Tilon.
Na Yisi asefoɔ no ne
Sohet ne Ben-Sohet.
Yuda Babarima Sela Asefoɔ21Na Sela yɛ Yuda mma no mu baako.
Na Sela asefoɔ no ne Er a ɔwoo Leka, Lada a ɔwoo Maresa a na wɔyɛ nweratam ho adwuma wɔ Bet-Asbea,
22Yokim, Koseba mmarima, Yoas, ne Saraf a na wɔdi Moab ne Yasubi-Lehem so no. Saa edin yi nyinaa, wɔnya firii tete atwerɛ a na wɔatwerɛ agu hɔ mu.
23Na wɔyɛ nkukuonwomfoɔ a na wɔte Netaim ne Gedera. Na wɔn nyinaa yɛ nnwuma ma ɔhene.
Simeon Asefoɔ24Na Simeon mmammarima no edin de
Nemuel, Yamin, Yarib, Serah ne Saulo.
25Na Saulo asefoɔ yɛ Salum, Mibsam ne Misma.
26Na Misma asefoɔ yɛ
Hamuel, Sakur ne Simei.
27Simei woo mmammarima dunsia ne mmammaa baasia. Ne nuammarima no deɛ, na wɔn mu biara nni abusua kɛseɛ saa. Ɛno enti, Simeon abusua annɔre te sɛ Yuda abusua no.
28Wɔtenaa Beer-Seba, Molada ne Hasar-Sual,
29Bilha, Esem ne Tolad,
30Betuel, Horma ne Siklag,
31Bet-Markabot, Hasar-Susim, Bet-Biri ne Saaraim. Na saa nkuro yi nyinaa hyɛɛ wɔn ase kɔsii ɔhene Dawid berɛ so.
32Wɔn asefoɔ nso tenaa Etam, Ain, Rimon, Token ne Asan a ɛyɛ nkurotoɔ enum yi so,
33ne ne nkuraaseɛ a atwa ho ahyia no kɔsii Baal.
Na wɔn atenaeɛ nie, na wɔahyehyɛ saa edin yi nyinaa wɔ wɔn abusuadua nkrataa mu.
34Wɔn a wɔka Simeon asefoɔ ho no bi nso ne Mesobab, Yamlek
ne Amasia babarima Yosa,
35Yoɛl,
Yosibia babarima Yehu a ɔyɛ Seraia babarima, na ɔno nso yɛ Asiel babarima,
36Elioenai, Yaakoba, Yesohaia, Asaia, Adiel, Yesimiel ne Benaia,
37Sifi babarima Sisa a nʼagya yɛ Alon babarima, na ɔno yɛ Yedaia babarima, na ɔno nso yɛ Simri babarima a nʼagya yɛ Semaia.
38Edin a yɛabobɔ yi yɛ ntuanofoɔ a wɔdeda Simeon mmusuakuo a wɔyɛ adefoɔ no ano no bi.
39Wɔkɔɔ Gedor fam a na ɛwɔ bɔnhwa no apueeɛ fam sɛ wɔrekɔpɛ asase pa ama wɔn mmoa adidi so.
40Wɔnyaa mmoa adidibea pa wɔ hɔ. Na asase no so dwo na basabasayɛ biara nni hɔ. Na Ham asefoɔ no bi akɔtena Gedor fa mu hɔ dada.
41Yudahene Hesekia ɛberɛ so no, Simeon ntuanofoɔ no ko dii hɔ so, sɛee Ham ne Maonfoɔ afie pasaa. Wɔkumm obiara a na ɔte hɔ, faa asase no, ɛfiri sɛ, na wɔpɛ sɛ wɔnya mmoa didibea pa no.
42Akofoɔ no mu ahanum a wɔfiri Simeon abusuakuo mu no kɔɔ bepɔ Seir so, a na Pelatia, Nearia, Refaia ne Usiel a wɔn nyinaa yɛ Yisi mmammarima no na na wɔdi wɔn anim.
43Amalekfoɔ kakra a wɔkaeɛ no, wɔkunkumm wɔn nyinaa, faa hɔ, na wɔtenaa hɔ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.