Nnwom 27 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 27Dawid dwom.

1 Awurade ne me hann ne me nkwagyeɛ;

hwan na mensuro no?

Awurade ne me nkwa ahoɔden,

na hwan anim na me ho mpopoɔ?

2Sɛ nnipa bɔne toa me

pɛ sɛ wɔkum me a,

sɛ mʼatamfoɔ to hyɛ me so a

wɔbɛsuntisunti ahwehwe ase.

3Sɛ dɔm mpo twa me ho hyia a,

mʼakoma rentu;

mpo sɛ wɔtu me so sa a,

ɛno mu koraa na menya awerɛhyɛmu.

4Adeɛ baako na mebisa Awurade;

na ɛno na mehwehwɛ;

sɛ mɛtena Awurade fie

me nkwa nna nyinaa,

na mahwɛ Awurade ahoɔfɛ

na mahwehwɛ no wɔ nʼasɔrefie.

5Wɔ hia ɛda mu no

ɔde me sie nʼatenaeɛ;

ɔkora me wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu.

Ɔde me si ɔbotan so wɔ ɔsorosoro.

6Afei ɔbɛma me tiri so

wɔ atamfoɔ a wɔatwa me ho ahyia no so;

mede anigyeɛ bɛbɔ afɔdeɛ wɔ nʼAhyiaeɛ Ntomadan mu;

na mɛto dwom, ahyehyɛ nnwom ama Awurade.

7Ao, Awurade, sɛ mesu frɛ wo a, tie me!

Hu me mmɔbɔ na gye me so!

8Mʼakoma ka wɔ wo ho sɛ, “Hwehwɛ nʼanim!”

Wʼanim, Ao Awurade na mɛhwehwɛ.

9Mfa wʼanim nhinta me,

mfa abufuo mpamo wo ɔsomfoɔ

me ɔboafoɔ ne wo.

Mpo me na nnya me,

Ao me Nkwagyeɛ Onyankopɔn.

10Mʼagya ne me maame bɛgya me hɔ deɛ,

nanso Awurade bɛgye me.

11Kyerɛ me wʼakwan, Ao Awurade;

fa me fa ɛkwan tee so,

me nhyɛsofoɔ enti.

12Nnyaa me mma sɛdeɛ mʼatamfoɔ pɛ,

adansekurumfoɔ sɔre tia me

na wɔpu awurukasɛm.

13Meda so wɔ saa anidasoɔ yi sɛ:

mɛhunu Awurade ayamyɛ

wɔ ateasefoɔ asase so.

14Twɛn Awurade.

Hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru

na twɛn Awurade.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help