4 Mose 34 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Kanaan Ahyeɛ

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

2“Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ mobɛduru Kanaan asase no so a, asase a mede rema mo sɛ mo ankasa asase no a, sɛi na mo ahyeɛ bɛyɛ:

3“ ‘Asase no anafoɔ fam no bɛyɛ Sin ɛserɛ so a ɛda Edom ano. Anafoɔ hyeɛ no ano bɛfiri Nkyene Ɛpo no.

4Ɛbɛtoa so akɔtra Akrabbim wɔ anafoɔ hɔ a ɛrekɔ Sin no. Nʼanafoɔ pa ara no bɛyɛ Kades-Barnea, na ɛfiri hɔ akɔsi Hasarada de akɔwie Asmon.

5Ɛfiri Asmon a, ɛhyeɛ no bɛkɔ ara akɔsi Misraim asuwa no mu na ano akɔpem Po Kɛseɛ no ano.

6Mo hyeɛ a ɛwɔ atɔeɛ no bɛyɛ Po Kɛseɛ a ɛda hɔ no.

7Mo hyeɛ a ɛda atifi no bɛfiti aseɛ wɔ Po Kɛseɛ no ano, na atoa so akɔ apueeɛ fam akɔsi bepɔ Hor,

8de akɔ Lebo Hamat na akɔ Sedad

9ne Sifron akɔ Hasar-Enan.

10Apueeɛ hyeɛ no bɛfiri Hasar-Enan anafoɔ akɔ Sefam

11akɔsi Ribla wɔ Ain apueeɛ fam. Ɛfiri hɔ a, ɛbɛkɔ akɔpem Kineret ɛpo no wɔ apueeɛ fam,

12na asiane afiri Asubɔnten Yordan, na akɔpem Nkyene Ɛpo no.

“ ‘Sɛdeɛ mo asase ahyeɛ teɛ nie.’ ”

13Afei Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, “Yei ne asase a mobɛbɔ so ntonto akyekyɛ afa no. Awurade ahyɛ sɛ mmusua nkron ne fa a aka no na wɔbɛkyekyɛ mu afa.

14Ruben ne Gad mmusuakuo no ne Manase abusua fa no deɛ, wɔama wɔn asase no bi

15wɔ Yordan apueeɛ fam a ɛne Yeriko di nhwɛanimu no.”

Ntuanofoɔ A Wɔbɛkyɛ Asase No

16 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

17“Nnipa a wɔn edin didi so yi na mayi wɔn sɛ wɔnkyekyɛ asase no mu: ɔsɔfoɔ Eleasa, Nun babarima Yosua.

18Yi abusua biara mu ɔpanin baako na ɔmmoa wɔn nni saa dwuma yi.

19“Wɔn edin na ɛdidi soɔ yi:

“Yuda abusuakuo ntuanoni, Yefune babarima Kaleb;

20Simeon abusuakuo ntuanoni, Amihud babarima Semuel;

21Benyamin abusuakuo ntuanoni, Kislon babarima Elidad;

22Dan abusuakuo ntuanoni, Yogli babarima Buki;

23Yosef babarima Manase abusuakuo ntuanoni, Efod babarima Haniel;

24Yosef babarima Efraim abusuakuo ntuanoni, Siftan babarima Kemuel;

25Parknak babarima Elisafan, Sebulon abusuakuo ntuanoni;

26Asan babarima Paltiel, Isakar abusuakuo ntuanoni;

27Selomi babarima Ahihud, Aser abusuakuo ntuanoni;

28Amihud babarima Pedahel, Naftali abusuakuo ntuanoni.”

29Saa nnipa yi na Awurade yii wɔn sɛ wɔnhwɛ nkyekyɛ Kanaan asase no mu mma Israelfoɔ no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help