1 Berɛsosɛm 20 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Wɔko Fa Raba

1Asusɔ berɛ, afe mu ɛberɛ a ahemfo kɔ ɔko no, Yoab dii Israel akodɔm anim, kɔto hyɛɛ Amonfoɔ nkuro ne nkuraa so, dii wɔn so nkonim. Akodie no mu no, wɔtuaa Raba kuropɔn no, sɛee no. Saa ɛberɛ no, na Dawid te akyire wɔ Yerusalem.

2Ɛberɛ a Dawid duruu Raba no, ɔtuu ɔhene no ahenkyɛ, na wɔde hyɛɛ Dawid. Sikakɔkɔɔ na wɔde yɛɛ ahenkyɛ no na wɔde aboɔdemmoɔ abobɔ mu. Na emu duru bɛyɛ kilogram aduasa ɛnan. Dawid faa asadeɛ bebree firii kuro no mu.

3Ɔde Rabafoɔ no yɛɛ nkoa, hyɛɛ wɔn ma wɔde ɛwan, fatudadeɛ ne mmonnua yɛɛ adwuma. Saa ara na ɔhyɛɛ nnipa a wɔwɔ Amon nkuropɔn nyinaa so. Na Dawid ne nʼakodɔm sane kɔɔ Yerusalem.

Wɔne Filistifoɔ Ko No

4Yei akyi, ɔko sii wɔne Filistifoɔ ntam wɔ Geser. Ɔko no mu, Sibekai a ɔfiri Husa kumm Sipai a ɔyɛ ɔbrane no aseni. Enti wɔkaa Filistifoɔ no hyɛeɛ.

5Ɔko foforɔ bi a wɔne Filistifoɔ koeɛ mu no, Yair babarima Elhanan kumm Gatni Goliat nuabarima Lahmi. Na Lahmi pea nsa mu pipiripie te sɛ ntomanwomfoɔ nsadua.

6Ɔko foforɔ bi nso a wɔne Filistifoɔ koo wɔ Gat no, ɔbrane bi a ɔyɛ abrane asefoɔ no bi a ɔyɛ nsansia yɛ nansia wɔ ne nsa ne ne nan biara so no

7buu Israel animtia, twitwaa mpoa. Na Dawid nuabarima Simea babarima Yonatan kumm no.

8Na saa Filistifoɔ yi yɛ Gat abrane no asefoɔ nanso Dawid ne nʼakofoɔ kunkumm wɔn.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help