Yesaia 51 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Sion Daapem Nkwagyeɛ

1“Montie me, mo a mopɛ tenenee akyiri kwan;

na mohwehwɛ Awurade;

Monhwɛ ɔbotan a wɔtwaa mo firii mu no

ne abopaebea a wɔtuu mo firii hɔ no;

2Monhwɛ Abraham mo agya,

ne Sara a ɔwoo mo no.

Ɛberɛ a mefrɛɛ no no, na ɔyɛ ɔbaakofoɔ,

na mehyiraa no maa nʼase trɛeɛ.

3 Awurade bɛkyekye Sion werɛ ampa ara

na ne yam bɛhyehye no wɔ ne mmubuiɛ no ho;

ɔbɛyɛ nʼanweatam ahodoɔ sɛ Eden,

nʼasase a ada mpan bɛyɛ sɛ Awurade turo.

Wɔbɛhunu anigyeɛ ne ahosɛpɛ,

aseda ne nnwontoɔ wɔ ne mu.

4“Montie me, me nkurɔfoɔ;

monyɛ aso mma me, me ɔman:

Mmara no bɛfiri me nkyɛn akɔ;

na mʼatɛntenenee bɛyɛ hann ama aman no.

5Me tenenee reba ntɛm so,

me nkwagyeɛ nam ɛkwan so,

na mʼabasa de atɛntenenee bɛbrɛ aman no.

Nsupɔ no bɛhwehwɛ me

na wɔde anidasoɔ bɛtwɛn mʼabasa.

6Mompagya mo ani nhwɛ ɔsorosoro,

monhwɛ asase wɔ fam;

ɔsorosoro bɛtu ayera sɛ wisie

na asase bɛtete sɛ atadeɛ

na wɔn a wɔte so bɛwuwu sɛ nwansena.

Nanso me nkwagyeɛ bɛtena hɔ daa,

me tenenee to rentwa da.

7“Montie me, mo a monim deɛ ɛteneɛ,

mo a me mmara wɔ mo akoma mu:

Monnsuro nnipa animka

anaa momma wɔn ahohora ntu mo bo.

8Na nweweboa bɛwe wɔn te sɛ deɛ wɔwe atadeɛ;

ɔsonsono bɛsɛe wɔn te sɛ deɛ wɔsɛe kuntu.

Nanso me tenenee bɛtena hɔ daa

me nkwagyeɛ bɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.”

9Nyane, nyane! Ao Awurade basa

hyɛ ahoɔden aduradeɛ;

nyane te sɛ nna a atwam no,

te sɛ tete awoɔ ntoatoasoɔ mu no.

Ɛnyɛ wo na wotwitwaa Rahab mu asinasini no,

na wohwiree asuboa kɛseɛ no mu no?

10Ɛnyɛ wo na womaa ɛpo weeɛ,

nsubunu mu nsuo no,

deɛ ɔpaee ɛkwan wɔ ɛpo bunu mu no

sɛdeɛ wɔn a wɔagye wɔn no bɛtumi atwa?

11Wɔn a Awurade apata ama wɔn bɛsane aba.

Wɔde nnwontoɔ bɛhyɛne Sion;

anigyeɛ a ɛnsa da bɛyɛ wɔn abotire,

anigyeɛ ne ahosɛpɛ bɛboro wɔn so,

awerɛhoɔ ne apinisie bɛtu ayera.

12“Me, me ara, mene wo werɛ kyekyefoɔ.

Hwan ne wo a wosuro ɔdasani,

nnipa mma a wɔyɛ ɛserɛ yi.

13Na wo werɛ afiri Awurade, wo yɛfoɔ,

deɛ ɔtrɛɛ ɔsorosoro mu

na ɔhyɛɛ asase ase no?

Wobɛkɔ so ara asuro ɔhyɛsoni no abufuo?

Wobɛkɔ so ara asuro deɛ ɔde ɔsɛeɛ asi nʼani so no anaa?

Na ɔhyɛsoni no abufuo wɔ he?

14Ɛrenkyɛre, wɔbɛgyaa nneduafoɔ ahufoɔ no;

wɔrenwuwu wɔ afiase amena mu,

na aduane remmɔ wɔn.

15Na mene Awurade, wo Onyankopɔn

deɛ ɔhwanyane ɛpo, ma nʼasorɔkye woro so.

Asafo Awurade, ne ne din.

16Mede me nsɛm ahyɛ wʼanomu,

na mede me nsa ase nwunu akata wo so.

Me a mede ɔsorosoro sii hɔ

na mehyɛɛ asase ase

na meka kyerɛ Sion sɛ, ‘Moyɛ me nkurɔfoɔ.’ ”

Awurade

Abufuhyeɛ Kuruwa

17Nyane, nyane!

Sɔre, Ao, Yerusalem!

Wo a wanom afiri Awurade nsam

nʼabufuo kuruwa no,

wo a wanom apɔɔdɔ mu nsã atu puo

deɛ ɛma nnipa tɔ ntintan no.

18Wo mma a wowoo wɔn nyinaa mu

obiara nni hɔ a ɔkyerɛ wo ɛkwan;

mmammarima a wotetee wɔn nyinaa mu

obiara nni hɔ a ɔsɔ wo nsa mu.

19Saa ɔhaw prenu yi aba wo so,

hwan na ɔbɛkyekye wo werɛ?

Mmubuiɛ ne ɔsɛeɛ, ɛkɔm ne akofena,

hwan na ɔbɛhyɛ wo den?

20Wo mma atotɔ baha;

wɔdeda mmɔntene so baabiara,

te sɛ ɔtwe a afidie ayi no.

Awurade abufuo aba wɔn so

wo Onyankopɔn animka no.

21Enti tie yei, wo a worehunu amaneɛ

waboro, na nso ɛnyɛ nsã na aboro woɔ.

22Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade,

wo Onyankopɔn a ɔbɔ ne nkurɔfoɔ ho ban seɛ:

“Hwɛ, magye afiri wo nsa mu

kuruwa a ɛma wotɔɔ ntintan no

kuruwa a ɛyɛ mʼabufuo pɔɔdɔ no,

worennom bio.

23Mede bɛhyɛ wɔn a wɔha mo no nsa mu,

wɔn a wɔka kyerɛɛ mo sɛ,

‘Butu fam na yɛnnante wo so.’

Na wode wʼakyi yɛɛ fam

te sɛ abɔntene a wɔnante so.”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help