Nnwom 149 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 149

1Monkamfo Awurade.

Monto dwom foforɔ mma Awurade,

monkamfo no wɔ ahotefoɔ asafo mu.

2Ma Israel ani nnye ne Yɛfoɔ mu.

Ma Sion mma ani nnye wɔn Ɔhene mu.

3Ma wɔmfa asa nkamfo ne din

na wɔmfa sankuo ne akasaeɛ nto dwom mma no.

4Na Awurade ani sɔ ne nkurɔfoɔ;

ɔde nkwagyeɛ kyɛ hyɛ ahobrɛasefoɔ.

5Momma ahotefoɔ nni ahurisie wɔ animuonyam yi mu;

na wɔnto ahosɛpɛ dwom wɔ wɔn mpa so.

6Onyankopɔn nkamfo nhyɛ wɔn anomu

na ɛnyɛ akofena anofanu wɔ wɔn nsam,

7sɛ wɔmfa ntɔ werɛ wɔ amanaman no so

ne asotwe wɔ nnipa no so,

8sɛ wɔmfa nyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn nkyekyere wɔn ahemfo,

ne dadeɛ mpɔkyerɛ ngu wɔn atitire,

9sɛ wɔmfa mmu atɛn sɛdeɛ wɔatwerɛ atia wɔn no.

Yei ne nʼahotefoɔ nyinaa animuonyam.

Monkamfo Awurade.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help