Rut Nnianimu - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)
NnianimuAtemmufoɔ berɛ so a na akokoakoko ɛne basabasayɛ bebree wɔ Israelman mu na yɛtee Rut ho abakɔsɛm yi. Rut a na ɔyɛ Moabni waree Israelni. Akyire no, ɔbarima no wuiɛ. Ɔdɔ enti, Rut de ne ho bataa nʼasebaa Naomi ne no sane kɔɔ Betlehem. Ɔde nʼasebaa Nyankopɔn yɛɛ ne Nyankopɔn, dɔɔ no nso. Rut bɛnyaa ɔbarima bi a ɔyɛ ne kunu a waka baabi no busuani Boas waree no. Rut nam saa awadeɛ yi so bɛyɛɛ Dawid nanabaa ne Agyenkwa no bogyani kronn.Atemmufoɔ no ho abakɔsɛm kyerɛ sɛ, sɛ ɔmanfoɔ yɛ asoɔden tia Onyankopɔn a, ɔhaw ba wɔn so. Rut nwoma no nso ma yɛhunu nhyira a aman amanmuni mpo a ɔde ne ho too Israel Nyankopɔn so nyaeɛ, na ɔbɛfraa ne nkurɔfoɔ nokwafoɔ mu.Emu NsɛmRut di Naomi nokorɛ (1.1-22)Rut boaboa Boas afuo mu nnɔbaeɛ ano (2.1-23)Rut di Naomi nhyehyɛeɛ so (3.1-18)Boas ware Rut (4.1-22)