Nnwom 37 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 37Dawid dwom.

1Nha wo ho nnebɔneyɛfoɔ nti;

mma wʼani mmere wɔn a wɔyɛ bɔne;

2Wɔte sɛ ɛserɛ, ɛnkyɛre na ahye,

wɔte sɛ dua mono, ɛnkyɛre na awu.

3Fa wo ho to Awurade so na yɛ papa.

Tena asase no so na ma wʼani nka asomdwoeɛ adidibea hɔ.

4Ma wʼani nka Awurade ho

na woama wo deɛ wʼakoma pɛ.

5Fa wʼakwan hyɛ Awurade nsam;

na fa wo ho to ne so, na ɔno na ɔbɛyɛ:

6ɔbɛma wo teneneeyɛ ahyerɛn sɛ adekyeeɛ,

na wʼatɛntenenee ayɛ sɛ owigyinaeɛ.

7Yɛ komm wɔ Awurade anim na to wo bo ase twɛn no,

nha wo ho wɔ wɔn a asi wɔn yie ho

ɛfiri sɛ wɔnam bɔne akwan so.

8Mma wo bo mfu, na gyae abufuhyeɛ;

nha wo ho, ɛkɔwie bɔne nko ara.

9Wɔbɛtwa nnebɔneyɛfoɔ agu,

nanso wɔn a wɔn ani da Awurade soɔ no,

wɔbɛnya asase no adi so.

10Ɛrenkyɛre, nnebɔneyɛfoɔ bɛyera.

Wɔbɛhwehwɛ wɔn, nanso wɔrenhunu wɔn.

11Nanso ahobrɛasefoɔ bɛnya asase no adi so

na wɔanya asomdwoeɛ mmorosoɔ.

12Amumuyɛfoɔ bɔ pɔ bɔne tia ateneneefoɔ

na wɔtwɛre wɔn se gu wɔn so;

13nanso, Awurade sere amumuyɛfoɔ,

na ɔnim sɛ wɔn nna abɛn.

14Amumuyɛfoɔ twe akofena

na wɔkuntunu wɔn tadua mu

sɛ wɔbɛkum ahiafoɔ ne mmɔborɔfoɔ,

sɛ wɔbɛkum wɔn a wɔn akwan tene.

15Nanso, wɔn akofena bɛwowɔ wɔn ankasa akoma mu,

na wɔn tadua mu abubu.

16Kakra a ateneneefoɔ wɔ no som bo

sene amumuyɛfoɔ bebree ahonya;

17ɛfiri sɛ, amumuyɛfoɔ ahoɔden bɛsa

nanso Awurade bɛwowa ateneneefoɔ.

18 Awurade nim wɔn a wɔn ho nni asɛm no nna,

na wɔn agyapadeɛ bɛtena hɔ daa.

19Ahohiahia berɛ mu wɔremmrɛ.

Ɛkɔm berɛ mu wɔbɛnya ma abu so.

20Nanso, amumuyɛfoɔ bɛyera.

Awurade atamfoɔ bɛyɛ te sɛ wiram nhwiren;

wɔbɛtu ayera sɛ wisie.

21Amumuyɛfoɔ pɛ bosea, na wɔntua,

nanso ɔteneneeni de ahummɔborɔ ma;

22Wɔn a Awurade ahyira wɔn no bɛnya asase no adi so,

na wɔn a ɔdome wɔn no wɔbɛtwa wɔn agu.

23Sɛ Awurade ani sɔ onipa akwan a,

ɔma nʼanammɔntuo si pi.

24Sɛ ɔsunti a ɔrenhwe ase,

ɛfiri sɛ Awurade kura no wɔ ne nsam.

25Na meyɛ aberanteɛ, na seesei mabɔ akɔkoraa,

na menhunuu ɔteneneeni a Awurade apa nʼakyi

anaasɛ ne mma resrɛ aduane.

26Ɛberɛ biara ɔyɛ adɔeɛ, na ɔde fɛm kwa;

na ne mma bɛnya nhyira.

27Twe wo ho firi bɔne ho na yɛ papa

na wobɛtena asase no so afebɔɔ.

28Ɛfiri sɛ, Awurade pɛ deɛ ɛtene,

na ɔrennya ne nkurɔfoɔ nokwafoɔ no.

Wɔbɛnya banbɔ daa nyinaa

Nanso, amumuyɛfoɔ asefoɔ deɛ, wɔbɛtwa wɔn agu.

29Ateneneefoɔ bɛnya asase no adi so

na wɔatena so afebɔɔ.

30Ɔteneneeni ano ka nyansasɛm,

na ne tɛkrɛma ka deɛ ɛtene.

31Ne Onyankopɔn mmara wɔ nʼakoma mu;

ne nan nnwatiri.

32Amumuyɛfoɔ tetɛ ateneneefoɔ

hwehwɛ sɛ wɔbɛkum wɔn,

33nanso, Awurade nnyaa wɔn mma wɔn

na ɔremma wɔmmu wɔn kumfɔ wɔ asɛnniiɛ.

34Montwɛn Awurade

na monhwɛ nʼakwan.

Ɔbɛma mo so na moanya asase no adi so;

sɛ wɔtwitwa amumuyɛfoɔ no gu a, mobɛhunu.

35Mahunu omumuyɛfoɔ a ɔyɛ basabasa

sɛ ɔredi yie sɛ dua mono a ɛsi asase pa soɔ,

36nanso ankyɛre na ɛwuiɛ a wɔnhunu no bio;

mehwehwɛɛ no, nanso manhunu no.

37Susu deɛ ɔyɛ pɛ ho, na hwɛ deɛ ɔtene;

na asomdwoeɛ onipa bɛnya asetena pa daakye.

38Nanso wɔbɛsɛe nnebɔneyɛfoɔ nyinaa;

na wɔbɛtɔre wɔn asefoɔ ase.

39Ateneneefoɔ nkwagyeɛ firi Awurade

ɔne wɔn aban wɔ amanehunu berɛ mu.

40 Awurade boa wɔn na ɔgye wɔn;

ɔyi wɔn firi amumuyɛfoɔ nsam na ɔgye wɔn nkwa,

ɛfiri sɛ wɔhinta wɔ ne mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help