1 Berɛsosɛm 5 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Ruben Asefoɔ

1Na Israel babarima panin ne Ruben. Nanso, ɛsiane sɛ wammu nʼagya, na ɔne nʼagya mpenafoɔ no mu baako kɔdaeɛ no enti, ɔde nʼabakanyɛ maa ne nua Yosef mmammarima. Esiane saa asɛm yi enti, wɔamfa Ruben din anka abusuadua no ho sɛ abakan.

2Yuda asefoɔ na wɔyɛɛ abusuakuo a wɔwɔ tumi pa ara, ne saa enti wɔyii ɔman no sodifoɔ firi wɔn mu, nanso, mpaninnie no deɛ, na ɛyɛ Yosef dea.

3Israel abakan Ruben no mmammarima ne:

Hanok, Palu, Hesron ne Karmi.

4Yoɛl asefoɔ ne

Semaia, Gog, Simei,

5Mika, Reaia, Baal,

6ne Beera. Ɛberɛ a Asiriahene Tilgat-Pilneser de Rubenfoɔ kɔɔ nnommumfa mu no, Beera na na ɔdi Rubenfoɔ no anim.

7Wɔatwerɛ Beera nkurɔfoɔ din sɛdeɛ wɔn mmusua ne abusua no teɛ: Yeiel ne wɔn ntuanoni, ɛnna Sakaria

8ne Asas babarima Bela a ɔyɛ Sema babarima a ɔyɛ Yoɛl babarima.

Saa Rubenfoɔ yi tenaa beaeɛ a ɛfiri Aroer de kɔsi Nebo ne Baal-Meon.

9Esiane sɛ na wɔwɔ anantwie bebree wɔ Gilead asase so no enti, wɔdidi kɔɔ apueeɛ fam wɔ anweatam a ɛtrɛ kɔ Asubɔnten Eufrate no ho.

10Ɔhene Saulo pɛn so, Rubenfoɔ dii Hagarfoɔ so nkonim wɔ ɔko mu. Enti, wɔtu kɔɔ Hagarfoɔ atenaeɛ a ɛwɔ Gilead apueeɛ fam hɔ no.

Gad Asefoɔ

11Basan asase so no, na Gad asefoɔ na wɔtete asase a ɛdi Rubenfoɔ deɛ no so. Wɔtrɛ kɔɔ apueeɛ fam kɔsii Saleka.

12Na Yoɛl na ɔtua wɔn ano wɔ Basan asase so. Na Safam, Yanai ne Safat yɛ nʼaboafoɔ.

13Na wɔn abusuafoɔ a wɔyɛ ntuanofoɔ ma mmusua afoforɔ nson din ne:

Mikael, Mesulam, Seba, Yorai, Yakan, Sia ne Eber.

14Yeinom nyinaa yɛ Huri babarima Abihail a ɔyɛ Yaroa babarima, Gilead babarima, Mikael babarima, Yesisai babarima Yahdo babarima, Bus babarima.

15Abdiel babarima Ahi, Guni babarima no na na ɔyɛ wɔn mmusua no ntuanoni.

16Gadfoɔ no tenaa Gilead asase a ɛwɔ Basan ne ne nkuraaseɛ ne Saron tata no nyinaa so.

17Yudahene Yotam ne Israelhene Yeroboam ɛberɛ so na wɔtwerɛɛ yeinom nyinaa guu abusuadua nkrataa mu.

Yordan Apueeɛ Fam Mmusuakuo

18Na akofoɔ akɛseɛ a wɔwɔ Ruben, Gad mmusua ne Manase abusua fa mu no ano si ɔpeduanan ɛnan ahanson ne aduosia. Wɔkurakura akokyɛm, akofena ne agyan, na wɔn nyinaa akwadare wɔ akodie mu.

19Wɔko tiaa Hagarfoɔ, Yeturfoɔ, Nafisfoɔ ne Nodabfoɔ.

20Wɔsu frɛɛ Onyankopɔn wɔ ɔko no mu, na ɔtiee wɔn mpaeɛbɔ, ɛfiri sɛ, wɔde wɔn ho too no so. Enti, wɔdii Hagarfoɔ no ne wɔn dɔm nyinaa so nkonim.

21Asadeɛ a wɔfa firii Hagarfoɔ no nkyɛn no yɛ nyoma ɔpeduonum, nnwan ɔpehanu aduonum, mfunumu mpenu ne nneduafoɔ ɔpeha.

22Wɔkunkumm Hagarfoɔ no bebree ɔko no mu, ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn reko tia wɔn. Enti, wɔtenaa wɔn asase so, kɔsii sɛ wɔtwaa wɔn asuo.

23Manase abusua fa no trɛɛ wɔ asase no so firi Basan kɔsii Baal-Hermon, Senir ne bepɔ Hermon ho. Na wɔdɔɔso yie.

24Yeinom ne wɔn mmusua no ntuanofoɔ: Efer, Yisi, Eliel, Asriel, Yeremia, Hodawia ne Yahdiel. Na wɔn mu biara agye edin sɛ ɔkofoɔ kɛseɛ ne ɔkandifoɔ.

25Nanso, na wɔnni nokorɛ, na wɔbuu wɔn agyanom ne Onyankopɔn apam no so. Wɔsomm aman a Onyankopɔn sɛee wɔn no anyame.

26Enti, Israel Onyankopɔn de hyɛɛ Asiriahene Pul (a na wɔsane frɛ no Tiglat-Pileser) akoma mu sɛ ɔnko mfa asase no, na ɔnkyekyere Rubenfoɔ, Gadfoɔ ne Manasefoɔ abusua fa sɛ nneduafoɔ. Asiariafoɔ no twaa wɔn asuo kɔɔ Halah, Habor, Hara ne Asubɔnten Gosan ho a wɔda so te hɔ bɛsi ɛnnɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help