2 Timoteo Nnianimu - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)
NnianimuPaulo nwoma a ɛtɔ so mmienu a ɔtwerɛ kɔmaa Timoteo no yɛ ne nsɛm a ɛtwa toɔ a ɔde rekɔma ne suani ne ne dwumayɛfoɔ a ɔdɔ no. Saa ɛberɛ no na Paulo da afiase a na ɔnim pefee sɛ wɔbɛkum no. Deɛ ɛmaa ne werɛ hoo saa ɛberɛ no ne sɛ, na nnipa bebree a Akristofoɔ bi ka ho asɔre atia ne nkyerɛkyerɛ no. Ɛsiane saa enti, Paulo twerɛɛ saa krataa yi kɔhyɛɛ Timoteo nkuran sɛ ɔmfa nnam a ɔnsuro ɔhaw ne ɔtaa nkyerɛkyerɛ. Paulo ka sɛdeɛ ɔkoo denden na ɔsɔɔ gyidie no nso mu denden kɔsii awieeɛ, na seesei ɔrehwɛ nkwa abotire a ɛsɛ sɛ ne nsa ka no anim no.Emu NsɛmNkyea (1.1-2)Nkuranhyɛ wɔ nnamyɛ ho (1.3–2.26)Ahohia mu Akwankyerɛ (3.1-17)Dwuma a ɛtwa toɔ a ɔde hyɛɛ Timoteo nsa (4.1-8)Nsɛm a ɛtwa toɔ, nkyea ne nhyira (4.9-12)