2 Petro Nnianimu - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)
NnianimuƆsomafoɔ Petro a na ɔyɛ Yesu asuafoɔ dumienu no mu baako no na ɔtwerɛɛ saa krataa yi kɔmaa Akristofoɔ a wɔahwete afanan nyinaa no. Ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛtu Akristofoɔ no fo na wɔahwɛ wɔn ho so yie wɔ atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ no ne ɔhaw a wɔn nkyerɛkyerɛ bɔne no de ba nnipa no so ho. Ɔsii so dua sɛ, wɔn a wɔyɛ bɔne no bɛnya so asotwe, na wɔn a wɔnnye asɛm no nni no nso wɔbɛpam wɔn, sɛdeɛ Onyankopɔn pamoo abɔfoɔ no bi firii ɔsoro, sɛee nnipa Noa ɛberɛ so ne Sodom ne Gomora sɛeɛ, ne sɛdeɛ wɔtwee Bileam aso wɔ ne bɔne ho no pɛ. Ɔkyerɛɛ mu sɛ, Onyankopɔn mpɛ sɛ obi bɛyera, na mmom, ɔhwehwɛ sɛ obiara bɛtwe ne ho afiri bɔne ho.Emu NsɛmNkyea (1.1-2)Nyansa turodoo (1.3-21)Atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ ne wɔn nkyerɛkyerɛ (2.1-22)Awurade ba a ɔbɛba (3.1-18)