Nnwom 43 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 43

1Ao Onyankopɔn, bu me bem,

na ka mʼasɛm a ɛtia ɔman a wɔnnsuro wo no ma me;

gye me firi nnaadaafoɔ ne amumuyɛfoɔ nsam.

2Woyɛ Onyankopɔn, mʼabandenden.

Adɛn enti na woapo me?

Adɛn enti na ɛsɛ sɛ menantenante twa adwo

mʼatamfoɔ nhyɛsoɔ nti?

3Soma wo hann ne wo nokorɛ

ma wɔn nkyerɛ me ɛkwan;

ma wɔmmfa me mmra wo Bepɔ Kronkron no so,

faako a woteɛ hɔ.

4Afei, mɛkɔ Onyankopɔn afɔrebukyia anim

mʼanigyeɛ ne mʼahosɛpɛ Onyankopɔn nkyɛn.

Mede sankuo bɛyi wo ayɛ,

Ao Onyankopɔn, me Onyankopɔn.

5Adɛn enti na woaboto, Ao me kra?

Adɛn enti na woteetee wɔ me mu saa?

Fa wo ho to Onyankopɔn so,

na mɛkɔ so ayi no ayɛ,

mʼAgyenkwa ne me Onyankopɔn.

Dwom a wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help