1Ɔhene Belsasar adedie mfeɛ mmiɛnsa so, me, Daniel, menyaa anisoadehunu foforɔ bi a na ɛdi deɛ ada ne ho adi akyerɛ me dada no akyi.
2Mʼanisoadehunu mu no, mehunuu sɛ na mewɔ Susa abankɛsewa a ɛwɔ Elam mantam; na mʼanisoadehunu mu no, na mewɔ Nsuka Ulai ho.
3Memaa mʼani so no, mehunuu odwennini a ɔwɔ mmɛn atentene mmienu na ɔgyina nsuka no ho wɔ mʼanim. Na ne mmɛn no woware. Na ne mmɛn no baako ware sene baako, nanso deɛ ɛware no na ɛnyinii akyire koraa.
4Mehwɛɛ odwennini no sɛ ɔrepempem kɔ atɔeɛ, atifi ne anafoɔ fam. Na aboa biara ntumi nnyina nʼanim, na obiara nni hɔ a ɔbɛtumi agye obi foforɔ afiri ne nsa mu. Ɔyɛɛ deɛ ɔpɛ, na ɔyɛɛ kɛseɛ.
5Ɛberɛ a megu so redwene yie ho no, prɛko pɛ, ɔpapo bi a ɔwɔ abɛn kɛseɛ bi a ɛtua nʼani mmienu no ntam pue firii atɔeɛ fam, twaam faa asase no nyinaa so a ne nan mpo nka fam.
6Ɔde nʼani kyerɛɛ odwennini a ɔwɔ mmɛn mmienu no a mehunuu sɛ na ɔgyina nsuka no ho no. Na ɔde ahoɔden tuu mmirika kɔɔ no so.
7Ɔpapo no sii ntɔkwanan a emu yɛ den, na ɔpem odwennini bubuu ne mmɛn mmienu no. Odwenini no yɛɛ mmerɛ na wantumi annyina ɔpapo no anim; enti ɔpapo no pem no hwee fam, tiatiaa no so, na obiara antumi annye no amfiri ne nsa mu.
8Ɔpapo no bɛyɛɛ ɔniɛdenfoɔ kɛseɛ. Nanso, nʼaniɛden no duruu ne mpɔmpɔnsoɔ no, nʼabɛn kɛseɛ no buiɛ, na nʼanan mu no, mmɛn akɛseɛ ɛnan fifiriiɛ a ɛkyerɛkyerɛ ɔsoro mframa ɛnan no so.
9Abɛn foforɔ bi pueeɛ mmɛn akɛseɛ no mu baako ho. Ɛhyɛɛ aseɛ kakraa bi, na ne tumi yɛɛ kɛseɛ kɔɔ anafoɔ ne apueeɛ fam, de kɔɔ Asase Fɛɛfɛ no so.
10Ɛnyiniiɛ ara kɔkaa ɔsoro asafo, na ɔtotoo asafo no mu bi a wɔyɛ nsoromma bɛguguu fam, tiatiaa wɔn so.
11Na ɔmaa ne ho so bɛyɛɛ ne ho kɛseɛ sɛ ɔsoro asafo no Sahene. Ɔgyee daa daa afɔdeɛ firii ne nsam, na ɔsɛee ne kronkron tenabea hɔ.
12Esiane atuateɛ no enti, wɔde ahotefoɔ asafo no ne wɔn daa daa afɔdeɛ maa no. Na wɔtoo nokorɛ tweneeɛ.
13Afei, metee ɔkronkronni bi sɛ ɔrekasa, na ɔkronkronni foforɔ bisaa no sɛ, “Ɛberɛ bɛn na anisoadehunu yi bɛba mu—deɛ ɛfa daa daa afɔdeɛ, atuateɛ a ɛde ɔsɛeɛ ba, kronkron tenabea a wɔbɛgyaa mu ama, ne Awurade asafo a wɔbɛtiatia wɔn so no?”
14Ɔbuaa no sɛ, “Ɛbɛdi anwummerɛ ne anɔpa 2,300, ansa na wɔasane ate kronkron tenabea no ho.”
Anisoadehunu No Nkyerɛaseɛ15Ɛberɛ a me Daniel, merehwɛ anisoadehunu na mepɛɛ sɛ mete aseɛ no, obi a ɔte sɛ ɔbarima bɛgyinaa mʼanim.
16Na metee onipa nne a ɛrefrɛ firi Ulai mu sɛ, “Gabriel, kyerɛ saa ɔbarima yi anisoadehunu no ase.”
17Ɔrebɛn baabi a na megyina no, mesuroeɛ, na mede mʼanim butuu fam. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, te aseɛ sɛ anisoadehunu no fa awieɛberɛ no ho.”
18Ɛberɛ a ɔrekasa akyerɛ me no, medaa nnahɔɔ a mʼanim butu fam. Na ɔsɔɔ me mu de me gyinaa me nan so.
19Ɔkaa sɛ, “Merebɛka deɛ ɛbɛsi akyire no wɔ abufuberɛ mu akyerɛ wo, ɛfiri sɛ anisoadehunu no fa awieeɛ ɛberɛ a wɔahyɛ no ho.
20Odwennini a ɔwɔ mmɛn mmienu no gyina hɔ ma Media ne Persia ahemfo no.
21Ɔpapo niɛdenfoɔ no yɛ Helahene, na abɛn kɛseɛ a ɛtua nʼani ntam no yɛ ɔhene a ɔdi ɛkan no.
22Mmɛn ɛnan a ɛbɛsii abɛn a ɛbubuu no anan mu no gyina hɔ ma ahennie ɛnan a ɛbɛsɔre afiri ne ɔman no mu, nanso wɔn tumidie renyɛ pɛ.
23“Wɔn adedie no rekɔ awieeɛ no, ɛberɛ a atuatefoɔ no ayɛ atirimuɔden mmorosoɔ no, ɔhene a ɔyɛ den, na ɔdi kontonkyisɛm bɛsɔre.
24Ɔbɛyɛ den yie a ɛmfiri nʼankasa tumi mu. Ɔbɛsɛe adeɛ ama nnipa ho adwiri wɔn, na ɔbɛdi nkonim wɔ biribiara a ɔbɛyɛ mu. Ɔbɛsɛe ahoɔdenfoɔ ne akronkronfoɔ.
25Ɔbɛma nnaadaa agye ntini, na ɔbɛyɛ ahomasoɔ. Ɔbɛsɛe bebree a ɔmmɔ nkaeɛ, na ɔbɛsɔre atia ahenemma mu Ɔheneba no, nanso wɔbɛsɛe no a ɛmfiri onipa ahoɔden mu.
26“Anwummerɛ ne anɔpa anisoadehunu a wɔde ama wo no yɛ nokorɛ, nanso, sɔ ano, ɛfiri sɛ ɛfa daakye bi a ɛnnya mmaeɛ ho.”
27Me, Daniel, meyɛɛ mmerɛ, na meyaree nna kakra. Akyire yi, mesɔre kɔyɛɛ ɔhene adwuma. Anisoadehunu no yɛɛ me ahodwirie; na ɛboro nteaseɛ so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.