Hiob 32 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Elihu Adwenkyerɛ

1Enti saa mmarima baasa yi ammua Hiob bio, ɛfiri sɛ, na ɔtene wɔ ɔno ara ani so.

2Na Busini Barakel babarima Elihu a ɔfiri Ram abusua mu no bo fuu Hiob yie sɛ ɔbu ne ho bem na ɔmmu Onyankopɔn mmom bem.

3Ne bo fuu nnamfonom baasa no sɛ wɔantumi anya nnyinasoɔ bi ammɔ Hiob nsɛm no angu, nanso wɔbuu no fɔ.

4Elihu twɛnee sɛ afoforɔ no bɛkasa akyerɛ Hiob, ɛfiri sɛ, na wɔanyinyini sene no.

5Na ɔhunuu sɛ nnipa baasa no nni asɛm biara ka bio no, nʼabufuo sɔreeɛ.

6Enti Busini Barakel babarima Elihu kaa sɛ,

“Meyɛ abɔfra,

na moyɛ mpanimfoɔ;

ɛno enti na mesuroo sɛ

mɛka deɛ menim akyerɛ mo.

7Medwenee sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ mpanimfoɔ kasa;

ɛsɛ sɛ wɔn a wɔn ani afire kyerɛ nyansa.’

8Nanso honhom a ɛte onipa mu,

Otumfoɔ no ahomeɛ no na ɛma nteaseɛ.

9Ɛnyɛ mpanimfoɔ nko na wɔyɛ anyansafoɔ,

ɛnyɛ wɔn a wɔn ani afire nko na wɔte deɛ ɛyɛ ase.

10“Enti mese: Montie me;

me nso mɛka mʼadwene.

11Metwɛneeɛ wɔ ɛberɛ a morekasa,

metiee mo adwenkyerɛ;

ɛberɛ a na monhunu deɛ monka no,

12meyɛɛ aso maa mo pa ara,

nanso mo mu biara antumi ankyerɛ sɛ Hiob ayɛ mfomsoɔ;

mo mu biara anyi nʼanosɛm ano.

13Monnka sɛ, ‘Ɔnim nyansa;

Onyankopɔn nko ara na ɔbɛtumi asesa nʼadwene.’

14Sɛ Hiob ne me kasaeɛ a,

anka merennyina mo adwenkyerɛ no so mmua no.

15“Mo ho adwiri mo, monni hwee ka bio;

mo nsɛm asa.

16Ɛsɛ sɛ metwɛn wɔ ɛberɛ a moayɛ komm yi,

saa ɛberɛ a mo monni mmuaeɛ biara de ma yi?

17Me nso mɛka bi

me nso mɛka mʼadwene.

18Ɛfiri sɛ, nsɛm ahyɛ mʼanomu ma,

na honhom a ɛte me mu no hyɛ me sɛ menka;

19Me mu no, mete sɛ nsa a ɛhyɛ toa mu;

Me te sɛ nsã kotokuo foforɔ a ɛrebɛpae.

20Ɛsɛ sɛ mekasa na me ho tɔ me;

ɛsɛ sɛ mebue mʼano na me ma mmuaeɛ.

21Merenyɛ animhwɛ

na merenkorɔkorɔ obiara.

22Na sɛ makwadare akorɔkorɔ mu a,

anka me Yɛfoɔ bɛyi me afiri hɔ ntɛm so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help