Nnwom 112 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 112

1Monkamfo Awurade.

Nhyira nka onipa a ɔsuro Awurade

na ɔnya nʼahyɛdeɛ mu anigyeɛ pii.

2Ne mma bɛyɛ atumfoɔ wɔ asase no so;

teneneefoɔ awoɔ ntoatoasoɔ bɛnya nhyira.

3Ahonya ne sika wɔ ne fie,

na ne tenenee tena hɔ daa.

4Esum mu mpo hann pue ma nnipa a wɔtene,

ma ɔdomfoɔ, mmɔborɔhunufoɔ ne ɔnokwafoɔ.

5Yiedie bɛba deɛ ne tirim yɛ mmrɛ na ɔde fɛm kwa.

Yiedie bɛba deɛ ɔde atɛntenenee yɛ ne nneɛma so.

6Ampa ara, ɔrenhinhim da biara da;

wɔbɛkae onipa tenenee daa.

7Ɔte asɛmmɔne a, ɛmmɔ ne hu;

nʼakoma atim wɔ Awurade mu ahotosoɔ mu.

8Nʼakoma wɔ banbɔ, na ɔnsuro;

awieeɛ no, ɔde nkonimdie bɛhyia nʼatamfoɔ.

9Ɔto nʼakyɛdeɛ pete aman so ma ahiafoɔ,

ne tenenee wɔ hɔ daa;

wɔbɛkae wɔn daa na wɔahyɛ wɔn animuonyam.

10Omumuyɛfoɔ bɛhunu ama ayɛ no yea,

ɔbɛtwere ne se na wafɔn;

omumuyɛfoɔ tirimpɔ bɛyɛ kwa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help