Mmɛbusɛm 5 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Adwamammɔ Ho Kɔkɔbɔ

1Me ba, yɛ aso ma me nyansa;

tie me nhunumu nsɛm no yie,

2sɛdeɛ ɛbɛma woahwɛ yie,

na wʼano akora nimdeɛ.

3Ɛfiri sɛ ɔbaa dwamanfoɔ ano sosɔ ɛwoɔ,

na ne kasa kɔ yɛɛ sene ngo;

4nanso, awieeɛ no ɛyɛ nwono sene bɔnwoma,

ɛyɛ nam sɛ akofena anofanu.

5Ne nan kɔ owuo mu;

nʼanammɔntutuo kɔ ɛda mu tee.

6Ɔnnwene ɛkwan a ɛkɔ nkwa mu ho;

nʼakwan yɛ kɔntɔnkye, nanso ɔnnim.

7Enti, afei, me mma, montie me;

Monntwe mo ho mfiri deɛ meka ho.

8Ɛkwan a ɛmmɛn noɔ no na momfa so

mommmɛn ne fie ɛpono ano,

9anyɛ saa a, mode mo ahoɔden bɛma afoforɔ

na mode mo mfeɛ ama otirimuɔdenfoɔ,

10anyɛ saa a, ahɔhoɔ bɛfom mo ahonyadeɛ

na mobrɛ de ahonya akɔ afoforɔ fie.

11Mo nkwanna akyi, mobɛsi apinie

ɛberɛ a mo honam ne mo onipadua asa no.

12Na moaka sɛ, “Na mekyiri ahohyɛsoɔ!

Mʼakoma ampɛ ntenesoɔ!

13Manyɛ ɔsetie amma mʼakyerɛkyerɛfoɔ

na mantie mʼakwankyerɛfoɔ asɛm.

14Maduru ɔsɛeɛ ntɛntɛnoa

wɔ asafo no nyinaa mu.”

15Nom nsuo firi wʼankasa ankorɛ mu,

nsuo a ɛtene firi wʼankasa abura mu.

16Ɛsɛ sɛ wo nsutire yiri fa mmɔntene so

na wo nsuwa kokɔ ɔman adwaberem anaa?

17Ma ɛnyɛ wo nko ara dea,

a wone ahɔhoɔ nnkyɛ da.

18Nhyira nka wʼasubura

na wʼani nka wʼababunuberɛ mu yere ho.

19Ɔte sɛ ɔtwe bereɛ dɔfoɔ, ɔwansane animuonyamfoɔ.

Ma ne nufoɔ nsɔ wʼani daa

na ne dɔ nkyekyere wo.

20Me ba, adɛn enti na woma ɔbaa dwamanfoɔ kyekyere wo?

Adɛn enti na woda ɔbarima foforɔ bi yere kokom?

21 Awurade hunu onipa akwan nyinaa,

na ɔhwehwɛ ne nyinaa mu.

22Omumuyɛfoɔ nnebɔne sum no afidie;

na ne bɔne nhoma kyekyere no papee.

23Ɔbɛwu ɛsiane ahohyɛsoɔ a ɔnni enti,

na wayera ɛsiane nʼagyegyentwisɛm enti.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help