2 Berɛsosɛm Nnianimu - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

NnianimuBerɛsosɛm a Ɛtɔ so Mmienu no ka Yuda ahemfo porɔeɛ ne wɔn ahonisɛm ho nsɛm.Ɔtwerɛfoɔ no twerɛɛ saa nwoma yi, sɛdeɛ ɔman no bɛtete asane nʼakyi akɔ Onyankopɔn hɔ. Ɔgyina atetesɛm so na ɛkaakae wɔn sɛ Onyankopɔn akyidie nko ara na ɛbɛma wɔn nkɔsoɔ.Berɛsosɛm a Ɛtɔ so Mmienu no toa abakɔsɛm a ɛwɔ Berɛsosɛm a Ɛdi Ɛkan no so. Wɔsii Dawid ba barima Salomo ɔhene. Salomo sii asɔredan fɛfɛ bi wɔ Yerusalem. Ɔnam so de yɛɛ deɛ nʼagya Dawid pɛɛ sɛ ɔyɛ a ɛyɛ nʼabisadeɛ a ɛtwa toɔ no (Ti 2–5). Salomo dii adeɛ mfeɛ aduanan a ɛyɛɛ asomdwoeɛ ne nkɔsoɔ. Ɛmaa ɔgyee edin. Salomo wuiɛ no, ne ba barima Rehoboam na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Ɛsiane ne mmɔfra adwene no enti, ne berɛ so no, ahemman no mu paee mmienu.Ɔtwerɛfoɔ no botaeɛ ne sɛ, ɔnam nyamesom pa so de nkabom bɛba ɔman no mu wɔ wɔn nkoasom no akyi. Ɔkaakae nnipa no wɔn atetesɛm.Ɔgyina Nyamesɛm mu asɛm so bɔɔ no dawuro kyerɛɛ mu pefee sɛ, “Na sɛ me nkurɔfoɔ a wɔde me din frɛ wɔn no bɛbrɛ wɔn ho ase, abɔ mpaeɛ, ahwehwɛ me, na wɔadane afiri wɔn amumuyɛsɛm ho a, mɛte wɔ ɔsoro, na mede wɔn bɔne akyɛ wɔn, asa wɔn asase yadeɛ” (Ti 7.14).Emu NsɛmSalomo Ahennie (1.1–9.31)Yuda Ahemman (10.1–36.23)
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help